Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 3:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Ɔno na ne nhuwso apaawa kita ne nsam, na ɔbɛpra awiporowee hɔ fitaa, na waboaboa n’awi ano akogu san so, na ntɛtɛwa no de, ɔde ogya a ennum da bɛhyew.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Ɔno na ne nhusoɔ apaawa kuta ne nsam, na ɔbɛpra aporoeɛ hɔ fitaa. Ɔbɛboaboa n’ayuo ano akɔgu san so, na ntɛtɛ no deɛ, ɔde ogya a ɛnnum da bɛhye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Obehuhuw aburow no so ayiyi mu aba pa no afi ntɛtɛ no mu, na ɔde aba pa no akosie, na ɔde ogya a ennum da ahyew ntɛtɛ no pasaa.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

12 Ɔno na ne nhusoɔ apaawa kuta ne nsam, na ɔbɛpra aporoeɛ hɔ fitaa. Ɔbɛboaboa n’ayuo ano akɔgu san so, na ntɛtɛ no deɛ, ɔde ogya a ɛnnum da bɛhye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Ɔbɛhuhu aburoo no so ayiyi mu aba pa no afiri ntɛtɛ no mu, na ɔde aba pa no akɔsie, na ɔde ogya a ɛnnum da ahye ntɛtɛ no pasaa.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Ɔno na ne nhuwso apaawa kita ne nsam, na ɔbɛpra awiporowee hɔ fitaa, na waboaboa n’awi ano akogu san so, na ntɛtɛwa no de, ɔde ogya a ennum da bɛhyew.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 3:12
30 Iomraidhean Croise  

Wɔte sɛ sakran, mframa ano, ne ntɛtɛwa a ahum soa kɔ.


Abɔnefo de, wɔnte sa, na wɔte sɛ ntɛtɛwa a mframa bɔ gu.


Ma wɔnyɛ sɛ ntɛtɛwa, mframa anim, na ma AWURADE bɔfo nsum wɔn ngu!


Na ɔhoɔdenfo bɛyɛ sɛ asaawa mfuturu, na n’adwuma ayɛ sɛ ogya nturuturuwii, wɔ ne wɔn nnwuma nyinaa bɛhyew, a obiara rennum.


Aman no yɛ hoo sɛ nsu bebree hooyɛ, ɔka wɔn ma woguan kɔ akyirikyiri, na wotiw wɔn sɛ mmepɔw so ntɛtɛwa, mframa anim, ne mframaden ne mu tutuw, ahum anim.


Abohuru bi nni me mu; sɛ mihu nsɔe ne nguare ɛ, anka mede ko mewura mu makɔhyew ne nyinaa.


Wɔyam abodoo aburow, na wɔnna ho mporow no daapem; na sɛ obi teaseɛnam nan ne n’apɔnkɔ na ɛpete mpo a, ɛnyɛ ɔno na ɔyam.


na anantwi ne mfurum mma a wɔyɛ mfuw mu adwuma no bedi afrafraduan pa a wɔde sɔnwee ne apaawa ahuw so.


Wubehuw so na mframa asoa akɔ na ahum abɔ apete; na wo de, wubedi AWURADE mu ahurusi de Israel kronkronni no ahyehye wo ho.


Enti, sɛ ogyaframa hyew sakran na ogya framfram hyew wura guanguan no, saa ara nso na wɔn ntini bɛporɔw, na wɔn nhwiren betu akɔ sɛ otutuw, efisɛ wɔapa asafo AWURADE mmara, na wɔatew Israel kronkronni no asɛm ahi.


Na wobefi adi akɔhwɛ nnipa a wɔato me mmara no, afunu a wɔn mu mmoaa renwu da, na wɔn gya nso rennum da; na wɔbɛyɛ akyiwade ama ɔhonam nyinaa.


Na mede nhuwso apaawa mehuw wɔn so, asase no mmobowano; mekunkum wɔn mma, mɛsɛe me man a wɔnsan mfi wɔn akwan so no.


Nanso sɛ moantie me anni homeda no kronkron na mosoa adesoa bi fa Yerusalem apon mu homeda a, ɛnne mɛsɔ n’apon mu gya, na ahyew Yerusalem aban afɛfɛ no, na wɔrennum.


Ɛbere no mu na wɔbɛka akyerɛ ɔman yi ne Yerusalem sɛ: Mframa a emu yɛ hyew befi sare so mpampa so afa me man babea kwan so aba, ɛnyɛ nea ɛbɛpo so anaa ebehuw so,


na masoma huwfo makɔ Babel, na wɔahuw no, na wɔama n’asase ada mpan, mmere a wobetwitwa ne ho ahyia, ɛda bɔne no so.


Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, wobehwie m’abufuw ne m’aboɔhyew agu ɛha yi, nnipa ne mmoa, wura mu nnua ne asase so aba so, na adɛw a ɛrennum.


Ne saa nti wɔbɛyɛ sɛ anɔpa mununkum ne obosu a etua ahema kɔ, sɛ ntɛtɛwa a ahum hwim fi awiporowbea ne owusiw a etu fa mfɛnsere mu kɔ no.


Na hwɛ, mɛhyɛ na masɔn Israel fi so amanaman nyinaa mu, sɛnea wɔsɔn ade so sɔnee mu, nanso awifua rentɔ fam.


Na hwɛ, ɛda no reba a ɛbɛhyew sɛ fononoo, na ahantanfo nyinaa ne obiara a odi abɔnefosɛm bɛyɛ sakran, na ɛda a ɛreba no bɛhyew wɔn, asafo Awurade na ose, na ɛrennyaw wɔn ntini anaa baa.


Momma n’abien no nyinaa nnyin nkosi twa bere, na twa bere no mu na mɛka makyerɛ twafo no sɛ: Mommoaboa wura bɔne no ano kan, na monkyekyere no afiafi mma wɔnkɔhyew, na awi no de, mommoaboa ano nkogu me san so!


Onipa ba no bɛsoma n’abɔfo na wɔakɔboaboa hintidua ne wɔn a wodi nsɛmmɔne nyinaa ano afi n’ahenni mu,


na wɔde wɔn akogu ogya fononoo mu; ɛhɔ na nnipa besu na wɔatwere wɔn se.


Ɛnna atreneefo no bɛhyerɛn sɛ owia wɔn Agya ahenni mu. Nea ɔwɔ aso no, ma ontie!


Yohane ka kyerɛɛ wɔn nyinaa sɛ: Me de, mede nsu mebɔ mo asu; na nea ne ho yɛ den sen me reba a mensɛ sɛ mesan ne mpaboa hama. Ɔno na ɔde Honhom Kronkron ne ogya bɛbɔ mo asu.


Ɔno na ne nhuwso apaawa kita ne nsam, na ɔbɛpra n’awiporowee hɔ fitaa, na waboaboa awi no ano agu ne san so, na ntɛtɛwa no de, ɔde gya a ennum da bɛhyew.


Me ho baa biara a ɛnsow aba no, oyi; na ebiara a ɛsow aba no, oyiyi ho, na asow aba bebree.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan