Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 3:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Me de, mebɔ mo asu nsu mu kɔ adwensakra mu, na nea odi m’akyi reba no de, ne ho yɛ den sen me; ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mikura. Ɔno na ɔbɛbɔ mo asu Honhom Kronkron ne ogya mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Me deɛ, mebɔ mo asu wɔ nsuo mu kɔ adwensakyera mu, na deɛ ɔdi m’akyi reba no deɛ, ɔkorɔn kyɛn me; na ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mekura. Ɔno na ɔbɛbɔ mo asu Honhom Kronkron ne ogya mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 “Me de, mede nsu na ɛrebɔ wɔn a wɔasakra wɔn su no asu. Nanso nea odi mʼakyi reba no de, ɔso sen me a ne mpaboa mpo mensɛ sɛ mikura. Ɔno de, sɛ ɔba a, ɔde Honhom Kronkron ne ogya na ɛbɛbɔ mo asu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

11 Me deɛ, mebɔ mo asu wɔ nsuo mu kɔ adwensakyera mu, na deɛ ɔdi m’akyi reba no deɛ, ɔkorɔn kyɛn me; na ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mekura. Ɔno na ɔbɛbɔ mo asu Honhom Kronkron ne ogya mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 “Me deɛ, mede nsuo na ɛrebɔ wɔn a wɔasakyera wɔn su no asu. Nanso deɛ ɔdi mʼakyi reba no deɛ, ɔso sene me a ne mpaboa mpo mensɛ sɛ mekura. Ɔno deɛ, sɛ ɔba a, ɔde Honhom Kronkron ne ogya na ɛbɛbɔ mo asu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Me de, mebɔ mo asu nsu mu kɔ adwensakra mu, na nea odi m’akyi reba no de, ne ho yɛ den sen me; ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mikura. Ɔno na ɔbɛbɔ mo asu Honhom Kronkron ne ogya mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 3:11
29 Iomraidhean Croise  

da a Awurade de atemmu honhom ne ɔhyew honhom bɛhohoro Sion mmabea ho fi na wayi Yerusalem mogya so afi mu no.


Na mehwie nsu magu nea osukɔm de no so, ne nsuwansuwa magu asase kesee so; mehwie me honhom magu w’asefo so, ne me nhyira magu wɔn a wofi wo mu so,


Na mede nkyɛmu a ɛto so abiɛsa no mɛfa ogya mu, na manan wɔn sɛ wɔnan dwetɛ, na mayiyi wɔn mu sɛ woyiyi sika mu. Wɔbɛbɔ me din, na me nso mebua wɔn; mɛka sɛ: Me man ne wɔn! Na wɔn nso aka sɛ: Awurade me Nyankopɔn!


na wɔkaa wɔn bɔne ma ɔbɔɔ wɔn asu asubɔnten Yordan mu.


Yohane bae bɛbɔɔ asu sare so, na ɔkaa adwensakra asubɔ a ɛde kɔ bɔnefakyɛ mu.


Na ɔde Elia honhom ne ahoɔden bedi n’anim akɔdan agyanom koma aba wɔn mma so, ne asoɔdenfo akɔ treneefo adwene ho, na wasiesie ɔman a wɔaboaboa wɔn ho no de ama Awurade.


Yohane ka kyerɛɛ wɔn nyinaa sɛ: Me de, mede nsu mebɔ mo asu; na nea ne ho yɛ den sen me reba a mensɛ sɛ mesan ne mpaboa hama. Ɔno na ɔde Honhom Kronkron ne ogya bɛbɔ mo asu.


Na ɔbaa Yordan ho, asase nyinaa so bɛkaa adwensakra asubɔ a ɛde kɔ bɔnefakyɛ mu,


(Yohane dii ne ho adanse, na ɔteɛɛm sɛ: Oyi ne nea mekae sɛ: Nea odi m’akyi reba no, wadi m'anim, na ɔwɔ hɔ ansa na mereba.)


Oyi ne nea mekae wɔ ne ho sɛ: Ɔbarima bi di m’akyi reba a ɔsen me mpo, efisɛ odii m'anim kan.


sɛ Yohane de, ɔde nsu na ɛbɔɔ asu, na mo de, nna yi mu ɛrenkyɛ na wɔbɛbɔ mo asu Honhom Kronkron mu.


Na Paulo se: Yohane bɔɔ adwensakra asu mmom ka kyerɛɛ ɔman no sɛ wonnye nea odi n’akyi reba a ɔne Yesu no nni.


Na wɔnam kwan so rekɔ no, wokoduu asu bi ho, na opiani no kae sɛ: Hwɛ, nsu ni; ɛdɛn na esiw me asubɔ ho kwan?


Na ɔhyɛ maa teaseɛnam no gyinae, na wɔn baanu sian kɔɔ asu no mu, Filipo ne opiani no, na ɔbɔɔ no asu.


Na yɛn nyinaa nso, Yudafo oo, Helafo oo, nkoa oo, adehye oo, wɔbɔɔ yɛn asu Honhom koro no mu ma yɛbɛyɛɛ nipadua biako, na wɔmaa yɛn nyinaa nom honhom biako.


Me a mene ahotefo nyinaa mu akumaa na wɔde adom yi adom me, sɛ menka Kristo ahonya a emu nni hwehwɛbea no ho asɛmpa menkyerɛ amanaman mufo,


emfi trenee mu nnwuma a yɛayɛ mu, na mmom ɔno ara ne mmɔborohunu nti, na ɛma ɔnam awo foforo aguare ne Honhom Kronkron foforoyɛ so gyee yɛn nkwa.


Saa ara na mo mmabun nso, momfa mo ho nhyɛ mpanyimfo ase. Na mo nyinaa mumfura ahobrɛase, na monsonsom mo ho mo ho, efisɛ Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, na ɔdom ahobrɛasefo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan