Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 3:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Nanso wɔde abonnua no ato nnua no ntini ho dedaw; enti dua biara a ɛnsow aba pa no, wobetwa ato ogya mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Nanso wɔde akuma no ato nnua no nhini ho dada; enti dua biara a ɛnso aba pa no, wɔbɛtwa ato ogya mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Onyankopɔn de nʼabonnua ato dua biara a ɛnsow aba pa ntin so sɛ ɔde betwa na ɔde agu gya mu ahyew no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

10 Nanso wɔde akuma no ato nnua no nhini ho dada; enti dua biara a ɛnso aba pa no, wɔbɛtwa ato ogya mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Onyankopɔn de nʼabonnua ato dua biara a ɛnso aba pa nhini ho sɛ ɔde bɛtwa, na ɔde agu ogya mu ahye no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Nanso wɔde abonnua no ato nnua no ntini ho dedaw; enti dua biara a ɛnsow aba pa no, wobetwa ato ogya mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 3:10
26 Iomraidhean Croise  

Na onipa a ɔka wɔn no de dade ne peaw dua mia, na wɔde gya bɛhyew wɔn dwerɛbee.


Ɔte sɛ dua a atim asubɔnten ho a ɛsow n’aba, ne bere mu, na n’ahaban mpo, na nea ɔyɛ nyinaa bewie yiye.


Ma nsramma ngu wɔn so, ma wɔmfa wɔn ngu ogya mu, aku donkudonku mu a wɔrensɔre bio.


Ɔtreneeni bɛfefɛw sɛ abɛ, obenyin sɛ Lebanon so kyeneduru.


Sɛ ne mmobaa no guan a, wobubu, mmea bɛpɛ kɔsɔ gya; na wɔyɛ ɔman a wonni nhumu, enti wɔn yɛfo no yam nhyehye no mma wɔn, na nea ɔnwenee wɔn no nhu wɔn mmɔbɔ.


menhyehyɛ Sion nkɔmmɔdifo memma wɔnnɛnsow nsi nso mu da ananmu, memma wɔn anika ngo minsi nkɔmmɔdi ananmu, memma wɔn ayeyi ntade minsi honhom a watɔ beraw ananmu, na wɔmfrɛ wɔn trenee nnua, AWURADE tɛw nnua a ɛhyɛ no anuonyam.


Na ɔbɛyɛ sɛ dua a wɔatɛw, asukɔn so, na ne ntini tenetene kɔ asu no ho; na sɛ ahohuru ba a, ɛnyɛ no hu, na ɛso ahaban bɛyɛ frɔmfrɔm, na osukɔm afe mu nso, ɛrempo, na ɛrennyae abasow.


ɔteɛɛm dennen na ɔkae sɛ: Montow dua no ntwitwa n’abaa; momporow n’ahaban mpansam n’aba; mmoa nguan mfi ase, na nnomaa mfi n’abaa so.


Na hwɛ, ɛda no reba a ɛbɛhyew sɛ fononoo, na ahantanfo nyinaa ne obiara a odi abɔnefosɛm bɛyɛ sakran, na ɛda a ɛreba no bɛhyew wɔn, asafo Awurade na ose, na ɛrennyaw wɔn ntini anaa baa.


Na ohuu borɔdɔma bi ɔkwan so no, otwiw bɛn ho, na wanhu hwee wɔ so sɛ nhaban nko. Na osee no sɛ: Worensow aba bio ara da! Amonom hɔ ara na borɔdɔma nhaban no poe.


Dua biara a ɛnsow aba pa no, wotwa na wɔde gu gya mu.


Na sɛ wɔde eyi reyɛ duamono a, dɛn na wɔde bɛyɛ duwui?


Nanso wɔde abonnua no ato nnua no ntini ho dedaw sɛ dua biara a ɛnsow aba pa no, wobetwa ato ogya mu.


Me ho baa biara a ɛnsow aba no, oyi; na ebiara a ɛsow aba no, oyiyi ho, na asow aba bebree.


Sɛ obi antena me mu a, wɔtow no kyene sɛ baa, na ewu; na wɔboaboa ano de kogu gya mu, na ɛhyew.


Monhwɛ na moampo nea ɔkasa no. Na sɛ wɔn a wɔpoo nea ɔkasae asase so no amfi ne nsa a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛn mmom a sɛ yɛdan fi nea ofi soro kasa no ho a, yebeguan?


Na nea efifi nsɔe ne ohwirem no, ɛmfra, na ɛbɛn nnuabɔ a n’awiei ne ɔhyew.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan