Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 3:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na nna no mu no, Yohane suboni no ba bɛkaa asɛm Yudea sare so

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na nna no mu no, Yohane a ɔyɛ osuboni no ba bɛkaa asɛm wɔ Yudea serɛ so

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Bere a Yesu ne nʼawofo wɔ Nasaret no, Osuboni Yohane bɛkaa asɛm wɔ Yudea sare so se,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na nna no mu no, Yohane a ɔyɛ osuboni no ba bɛkaa asɛm wɔ Yudea serɛ so

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɛberɛ a Yesu ne nʼawofoɔ wɔ Nasaret no, Yohane Osubɔni bɛkaa asɛm wɔ Yudea ɛserɛ so sɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na nna no mu no, Yohane suboni no ba bɛkaa asɛm Yudea sare so

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 3:1
27 Iomraidhean Croise  

Na Yoiada ba Benaia foro kɔe kɔbɔɔ no kum no; na wosiee no ne fi wɔ sare so.


Nokware mise mo sɛ, wɔn a mmea awo wɔn nyinaa mu biara nsɔree a ɔsen Yohane suboni; nanso nea ɔyɛ aketewa koraa ɔsoro ahenni mu no yɛ kɛse sen no.


Na eyinom rekɔ no, Yesu fii ase kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo akuwakuw no sɛ: Ɛdɛn na mufii adi kɔɔ sare so kɔhwɛe? Mmɛw ahaban a mframa rehim anaa?


Na wose: Ebinom se: Yohane suboni no. Na ebinom se: Elia. Na ebinom nso se: Yeremia anaa adiyifo no mu biako.


Na Yohane nam trenee kwan mu baa mo nkyɛn, na moannye no anni; na towgyefo ne nguamanfo na egyee no dii, na mo nso muhui no, moannu mo ho akyiri yi annye no anni.


Ɛnne monsow aba a ɛfata adwensakra.


Na ɔkae sɛ: Ɛbere no awie du, Onyankopɔn ahenni no abɛn. Monsakra mo adwene, na munnye asɛmpa no nni!


Sɛnea wɔakyerɛw wɔ odiyifo Yesaia nhoma no mu sɛ: Hwɛ, meresoma me bɔfo madi w’anim, ɔno na obesiesie wo kwan.


Na wo, abofra yi, wɔbɛfrɛ wo Ɔsorosoroni no diyifo; efisɛ wubedi Awurade anim akosiesie n’akwan,


Na Yohane abɔfo no kɔe no, ofii ase kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo akuwakuw no sɛ: Ɛdɛn na mufii adi kɔɔ sare so kɔhwɛe? Demmire a mframa rehim?


fi Yohane asubɔ so de besi da a wɔfaa no yɛn nkyɛn kɔɔ ɔsoro no mu biako ne yɛn yɛ ne sɔre ho adansefo.


Na afei hwɛ, AWURADE ama matena ase sɛnea ɔkaa no, mfirihyia aduanan anum yi, efi bere a AWURADE kaa asɛm yi kyerɛɛ Mose, bere a Israel nam sare so no. Na afei, hwɛ, ɛnnɛ madi mfirihyia aduɔwɔtwe anum.


Na Mose n’ase Kenini no mma ne Yudafo fi nkyeresia kurow no mu foro baa Yuda sare a ɛwɔ Arad nifa fam no so na wɔkɔ kɔtenaa ɔman no mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan