Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 27:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Ɛnna Yuda a oyii no mae no hui sɛ wɔabu no fɔ no, onuu ne ho, na ɔde nnwetɛbona aduasa no san brɛɛ asɔfo mpanyin ne mpanyimfo no sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Ɛnna Yuda a ɔyii no maeɛ no hunuu sɛ wɔabu no fɔ no, ɔnuu ne ho, na ɔde nnwetɛbena aduasa no sane brɛɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ no sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Saa bere no ara mu na Yuda a oyii Yesu mae no huu sɛ wɔabu Yesu kumfɔ no, onuu ne ho yiye. Enti ɔsan de sika a ogye fii asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin no nkyɛn no brɛɛ wɔn kae se,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Ɛnna Yuda a ɔyii no maeɛ no hunuu sɛ wɔabu no fɔ no, ɔnuu ne ho, na ɔde nnwetɛbena aduasa no sane brɛɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ no sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Saa ɛberɛ no ara mu, Yuda a ɔyii Yesu maeɛ no hunuu sɛ wɔabu Yesu kumfɔ no, ɔnuu ne ho yie. Enti, ɔsane de sika a ɔgye firii asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin no nkyɛn no brɛɛ wɔn kaa sɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Ɛnna Yuda a oyii no mae no hui sɛ wɔabu no fɔ no, onuu ne ho, na ɔde nnwetɛbona aduasa no san brɛɛ asɔfo mpanyin ne mpanyimfo no sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 27:3
15 Iomraidhean Croise  

sɛ abɔnefo ahurusidi nkyɛ, na nyaatwomfo anigye yɛ bere tiaa bi nko?


Sɛ nantwi no si akoa anaa afenaa a, ɔmma ne wura dwetɛ, nnwetɛbona aduasa, na wonsiw nantwi no abo.


Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ: Tow kyene Awurade fi adekorabea, ɛbo a ɛyɛ nyam a wɔde abɔ me nen. Na mefaa dwetɛ nnwetɛbona aduasa no metow mekyenee Awurade fi adekorabea no


Na wɔrebedidi no, na ɔbonsam anya de ahyɛ Yuda Iskariot, Simon ba, komam sɛ onkoyi no mma,


Na ogyee abodoo sin no akyi no, ɛno na Satan hyɛn no mu. Ɛnna Yesu see no sɛ: Nea woreyɛ no, yɛ no ntɛm!


Ɛnna Yuda de asraafokuw ne asomfo a wofi asɔfo mpanyin ne Farisifo no nkyɛn baa hɔ; wokurakura agyatɛn, akanea ne akode.


(Saa Yuda yi na ɔde n'amumɔyɛ akatua nyaa asase, na ɔhyɛɛ akɔmfo no, ne mu paee, na n’ayamde nyinaa tu gui;


Na Onyankopɔn kwan so awerɛhow yɛ adwensakra a ɛde kɔ nkwagye mu a wonnu wɔn ho wɔ ho; na wiase awerɛhow de, ɛma owu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan