Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 27:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na ade kyee no, asɔfo mpanyimfo no nyinaa ne ɔman mpanyimfo no tuu Yesu ho agyina sɛ wobekum no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na adeɛ kyeeɛ no, asɔfoɔ mpanimfoɔ no nyinaa ne ɔman no mu mpanimfoɔ no tuu ne ho agyina sɛ wɔbɛkum no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Ade kyee no, asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin kɔɔ agyina, hwehwɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so ama wɔakum Yesu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na adeɛ kyeeɛ no, asɔfoɔ mpanimfoɔ no nyinaa ne ɔman no mu mpanimfoɔ no tuu ne ho agyina sɛ wɔbɛkum no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Adeɛ kyeeɛ no, asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin kɔɔ agyina, hwehwɛɛ ɛkwan a wɔbɛfa so ama Roma aban abu Yesu kumfɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na ade kyee no, asɔfo mpanyimfo no nyinaa ne ɔman mpanyimfo no tuu Yesu ho agyina sɛ wobekum no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 27:1
16 Iomraidhean Croise  

Asase so ahemfo tu agyina, na aman sodifo bom tu agyina tia AWURADE ne nea wasra no no sɛ,


Na mete nnipa bebree nsekudi, ahude atwa me ho ahyia, sɛ me ho agyina a wɔakɔ no mu wɔabɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛsɛe me kra.


Na m’atamfo ka me ho asɛm, na wɔn a wobuw me kra bom tu agyina


Wonnue wɔn a wodwen amumɔyɛsɛm ne wɔn a wosiesie bɔne, wɔn nnae so; anɔpa hann mu wɔyɛ, efisɛ ɛwɔ wɔn nsam tumi mu,


Munnue! Mo Kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo! Sɛ moto ɔsoro ahenni mu nnipa anim; na mo ara monkɔ mu, nanso wɔn a wɔrekɔ mu no, mommma wɔn kwan nkɔ mu.


Na ntɛm ara, ɛrekɔ anɔpa no, asɔfo mpanyimfo ne kyerɛwfo ne baguafo no nyinaa kɔɔ agyina, na wɔkyekyeree Yesu de no kɔe kɔhyɛɛ Pilato nsa.


Saa bere no ara na nnipa bi a ɛwɔ hɔ kaa Galileafo a Pilato de wɔn mogya frafraa wɔn afɔre mu no ho asɛm kyerɛɛ no.


Na ade kyee no, ɔman mpanyimfo ne asɔfo mpanyin ne Akyerɛwfo no behyiae, na wɔde no kɔɔ wɔn asennii


Ɛnna wɔde Yesu fi Kaiafa nkyɛn kɔɔ amrado aban mu; na ɛyɛ anɔpatutu. Na wɔn ankasa de, wɔanhyɛn amrado aban no mu, na efi anka wɔn, na wɔadi Twam no.


Na wɔtee no, wɔkɔɔ asɔrefi ahemadakye kɔkyerɛkyerɛe. Na ɔsɔfo panyin ne wɔn a wɔka ne ho no bae, na wɔfrɛɛ baguafo ne Israel mma mpanyimfo nyinaa hyiae na wɔsoma kɔɔ afiase hɔ sɛ wɔnkɔfa wɔn mmra.


Na wɔka kyerɛɛ Gasafo sɛ: Samson aba ha, na wotwaa ne ho hyiae, na wɔtɛw no anadwo no kurow no pon ano, na wɔtaree dinn anadwo no nyinaa kae sɛ: Ade kye anɔpa a, yebekum no.


Ɛnna Saul somaa abɔfo kɔɔ Dawid fi sɛ wɔnkɔwɛn no na wonkum no anɔpa. Na Dawid yere Mikal ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woannye wo kra anadwo yi a, ɔkyena wobekum wo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan