Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 26:73 - KYERƐW KRONKRON

73 Na ɛkyɛe kakraa no, wɔn a wogyina hɔ no bae bɛka kyerɛɛ Petro sɛ: Ampa ara, wo nso woka wɔn ho; na wo kasa nso yi wo adi!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

73 Na ɛyɛɛ kakra no, wɔn a wɔgyina hɔ no ba bɛka kyerɛɛ Petro sɛ: Ampa ara, wo nso woka wɔn ho; wo kasa yi wo adi!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

73 Ɛkyɛe kakra no, mmarima a wogyina hɔ no bi bɛka kyerɛɛ Petro se, “Yenim sɛ woyɛ nʼasuafo no mu baako, na wo kasa nso da wo adi sɛ woyɛ Galileani.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

73 Na ɛyɛɛ kakra no, wɔn a wɔgyina hɔ no ba bɛka kyerɛɛ Petro sɛ: Ampa ara, wo nso woka wɔn ho; wo kasa yi wo adi!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

73 Ɛkyɛɛ kakra no, mmarima a wɔgyina hɔ no bi bɛka kyerɛɛ petro sɛ, “Yɛnim sɛ woyɛ nʼasuafoɔ no mu baako, na wo kasa nso yi wo adi sɛ woyɛ Galileani.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

73 Na ɛkyɛe kakraa no, wɔn a wogyina hɔ no bae bɛka kyerɛɛ Petro sɛ: Ampa ara, wo nso woka wɔn ho; na wo kasa nso yi wo adi!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 26:73
8 Iomraidhean Croise  

Na wɔn mma ka Asdod kasa fa-ne-fa na Yuda kasa de, na wontumi nka, na aman no mu biara de na wɔka.


Na ɔde ntam sanee bio sɛ: Minnim onipa no.


Ɛno na ofii ase didii nsew kekaa ntam sɛ: Minnim onipa no! Na amonom hɔ ara na akokɔ bɔnee.


Na ɔsanee bio. Na ɛkyɛe kakra no, wɔn a wogyina hɔ no ka kyerɛɛ Petro bio sɛ: Ampa wofra wɔn mu; efisɛ woyɛ Galileani.


Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiriw ne nwonwa, na wokae sɛ: So wɔn a wɔrekasa yi nyinaa nyɛ Galileafo anaa?


wɔka kyerɛ no sɛ: Ɛnne ka sɛ: Shibolet, na sɛ ɔka sɛ: Sibolet, efisɛ ontumi nka no yiye a, na wɔakyere no akum no Yordan atwae hɔ. Na saa bere no Efraimfo ɔpeduanan abien na ɛtotɔe.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan