Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 26:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Nanso wɔkae sɛ: Ɛnyɛ afahyɛ no mu, na sakasaka amma ɔman mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Nanso wɔkaa sɛ: Ɛnyɛ afahyɛ no mu, na sakasaka amma ɔman no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Nanso wɔkae se, “Ɛnsɛ sɛ wɔkyere no Twam Afahyɛ no mu, anyɛ saa a, ɛde basabasayɛ bɛba ɔman no mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Nanso wɔkaa sɛ: Ɛnyɛ afahyɛ no mu, na sakasaka amma ɔman no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Nanso, wɔkaa sɛ, “Ɛnsɛ sɛ wɔkyere no Twam Afahyɛ no mu, anyɛ saa a, ɛde basabasayɛ bɛba ɔman no mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Nanso wɔkae sɛ: Ɛnyɛ afahyɛ no mu, na sakasaka amma ɔman mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 26:5
17 Iomraidhean Croise  

Na nnipa abufuhyew dan wo ayeyi, wode abufuhyew a ɛboro so no bɔ wo ho so.


Adwene pii wɔ onipa komam, nanso AWURADE agyinatu na ebegyina.


Nyansa ne ntease ne afotu bi nni hɔ a ɛne AWURADE bedi asi.


Me a mifi mfiase meka awiei asɛm, na mifi tete mmere no meka nea wɔnyɛe no, meka sɛ: Me tirimpɔw begyina, na nea ɛsɔ m’ani nyinaa mɛyɛ.


Hena na ɔka na ɛba mu, bere a Awurade nhyɛe ɛ?


Na ɔpɛe sɛ okum no, nanso na osuro nkurɔfo no, efisɛ na wobu no sɛ odiyifo.


Na sɛ yɛka sɛ efi nnipa a, yesuro nkurɔfokuw no; efisɛ wɔn nyinaa bu Yohane sɛ odiyifo.


Na Pilato hui sɛ ontumi nyɛ ho hwee, na mmom sakasaka reba no, ɔfaa nsu hohoroo ne nsa nkurɔfokuw no anim kae sɛ: Medi bem wɔ onipa trenee yi mogya ho; mo ara monhwɛ!


Na Apiti da a edi kan a wokum Twam guan no, n’asuafo no bisaa no sɛ: Ɛhe na wopɛ sɛ yekosiesie ma wokodi Twam no?


Na wɔkae sɛ: Ɛnyɛ afahyɛ no mu, na basabasa amma ɔman no mu.


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Me ho bɛyɛ mo nyinaa hintidua; efisɛ wɔakyerɛw sɛ: Mɛbɔ oguanhwɛfo no, na nguan no abɔ apete.


Na sɛ yɛka sɛ efi nnipa a, ɔman no nyinaa besiw yɛn abo; efisɛ wogye di ampa sɛ Yohane yɛ odiyifo.


Na afei Apiti da a ɛsɛ sɛ wokum Twam guan no dui.


Ɛnna wɔde Yesu fi Kaiafa nkyɛn kɔɔ amrado aban mu; na ɛyɛ anɔpatutu. Na wɔn ankasa de, wɔanhyɛn amrado aban no mu, na efi anka wɔn, na wɔadi Twam no.


Na kurow no ani danee, na wɔbɔɔ twi de mmirika kɔɔ ahwɛe kɔkyeree Makedoniafo Gaio ne Aristarko a wɔne Paulo nam no.


So ɛnyɛ wone Misraimni a nnaano ɔyɛɛ sakasaka, na ɔde mmarima awudifo mpemnan kɔɔ sare so no?


sɛ wɔrebɛyɛ nea wo nsa ne w’agyina aka ato hɔ sɛ ɛnyɛ no nyinaa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan