Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 24:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Na eyinom nyinaa ne awoko yaw mfiase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na yeinom nyinaa ne awoko yea mfitiaseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Eyinom nyinaa bɛyɛ nneɛma a ɛyɛ hu a ɛbɛba no mfiase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 Na yeinom nyinaa ne awoko yea mfitiaseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Yeinom nyinaa bɛyɛ nneɛma a ɛyɛ hu a ɛbɛba no mfitiaseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na eyinom nyinaa ne awoko yaw mfiase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 24:8
12 Iomraidhean Croise  

Ɛnkaa hwee sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase afra nneduafo mu na wɔne atɔfo atotɔ afra. Eyi nyinaa mu no n’abufuw nyaee ɛ, na ne nsa ateɛ ara.


Siriafo wɔ apuei, na Filistifo wɔ atɔe, na wɔbɛtɛɛ wɔn anom amene Israel. Eyi nyinaa mu no n’abufuw nnyaee ɛ, na ne nsa ateɛ ara.


Enti Awurade annya wɔn mmerante ho anigye, na ne yam anhyehye no wɔn nyisaa ne wɔn akunafo ho, na wɔn nyinaa yɛ nkɔnkɔnsafo ne nnebɔneyɛfo, na ano nyinaa ka agyennyentwisɛm. Eyi nyinaa mu no n’abufuw nnyaee ɛ, na ne nsa ateɛ ara.


Manase we Efraim, na Efraim we Manase, na wɔn baanu nyinaa sɔre hyɛ Yuda. Eyi nyinaa mu no n’abufuw nnyaee ɛ, na ne nsa ateɛ ara.


Ɔwofo awoko bɛka no; ɔno de, ɔyɛ ɔba a onni nyansa, sɛ edu ne bere so a, ommegyina nea mma fa mu sian hɔ.


Na ɔman bɛsɔre ɔman so, na ahenni asɔre ahenni so, na asasewosow bɛba mmeaemmeae, na ɔkɔm bɛba. Eyinom ne awoko yaw mfiase.


Na nea edi eyinom nyinaa kan ne sɛ wɔde wɔn nsa beso mo mu, na wɔataa mo, na wɔayi mo akɔ hyia adan mu ne afiase, na wɔde mo akɔ ahene ne amradofo anim me din nti,


ɛnne AWURADE bɛma wo haw ne w’asefo haw ayɛ nwonwa, ɔhaw akɛse a ɛkyɛ ne nyarewa bɔne a ɛkyɛ;


Na bere a wɔbɛka se: Yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ, no, ɛnne mpofirim na ɔsɛe bɛba wɔn so sɛ awoko ba ɔbea a ɔyem so, na wɔrennya ɔkwan nguan.


Na afei, mo adefo ɛ, mo amanehunu a ɛreba mo so nti munsu na mommɔ mo afonom!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan