Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 24:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na ɔte Ngo Bepɔw so no, asuafo no baa ne nkyɛn wɔ ɔfa baabi bɛkae sɛ: Kyerɛ yɛn da ko a eyinom bɛyɛ hɔ, na ɛdɛn na ɛbɛyɛ wo ba ne wiase awiei no ho sɛnkyerɛnne?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na ɔte Ngo Bepɔ soɔ no, asuafoɔ no baa ne nkyɛn wɔ afa baabi bɛkaa sɛ: Ka kyerɛ yɛn, da bɛn na yeinom bɛyɛ hɔ, na ɛdeɛn na ɛbɛyɛ wo ba ne wiase awieeɛ no ho nsɛnkyerɛnneɛ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Yesu kɔɔ Ngo Bepɔw no so. Ɔte hɔ no, nʼasuafo no baa ne nkyɛn bebisaa no se, “Bere bɛn na nea woreka yi bɛba? Na nsɛnkyerɛnne bɛn na ɛbɛma yɛahu wo ba a wobɛsan aba bio no ne wiase awiei a ɛbɛba no?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na ɔte Ngo Bepɔ soɔ no, asuafoɔ no baa ne nkyɛn wɔ afa baabi bɛkaa sɛ: Ka kyerɛ yɛn, da bɛn na yeinom bɛyɛ hɔ, na ɛdeɛn na ɛbɛyɛ wo ba ne wiase awieeɛ no ho nsɛnkyerɛnneɛ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Yesu kɔɔ Ngo Bepɔ no so. Ɔte hɔ no, nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Ɛberɛ bɛn na deɛ woreka yi bɛba? Na nsɛnkyerɛnneɛ bɛn na ɛbɛma yɛahunu wo ba a wobɛsane aba bio no ne ewiase awieeɛ a ɛbɛba no?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na ɔte Ngo Bepɔw so no, asuafo no baa ne nkyɛn wɔ ɔfa baabi bɛkae sɛ: Kyerɛ yɛn da ko a eyinom bɛyɛ hɔ, na ɛdɛn na ɛbɛyɛ wo ba ne wiase awiei no ho sɛnkyerɛnne?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 24:3
23 Iomraidhean Croise  

Afei ogyaa nkurɔfo akuwakuw no kwan no, ɔbaa ofie. Na n’asuafo no baa ne nkyɛn bebisaa sɛ: Kyerɛ yɛn afuw mu wura bɔne ho bɛ no ase.


Sɛnea ɛbɛyɛ wiase awiei no mu ara ne no. Abɔfo no bɛba abɛpaw nnipa bɔne afi atreneefo mu,


Ɛnna n’asuafo no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Wunim sɛ Farisifo no tee asɛm yi no, ato wɔn hintidua?


Na Onipa Ba no de n’agya anuonyam ne n’abɔfo na ɛbɛba; ɛno na obetua onipa biara ka sɛnea ne nneyɛe te.


Nokware mise mo sɛ: Nnipa bi gyina ha a wɔrenka owu nhwɛ kosi sɛ wobehu Onipa Ba no sɛ ɔreba n’ahenni mu.


Ɛnna asuafo no baa Yesu nkyɛn ɔfa baabi, na wɔkae sɛ: Adɛn nti na yɛantumi antu no?


Na wɔbɛn Yerusalem na woduu Betfage, Ngo Bepɔw ho no, Yesu somaa asuafo baanu,


Na sɛnea anyinam pae fi apuei na ɛhyerɛn kɔ atɔe no, sɛnea onipa ba no ba nso bɛyɛ ara nen.


Ɛno na Onipa Ba no sɛnkyerɛnne bɛda adi ɔsoro, na asase so mmusuakuw nyinaa ho behiahia wɔn kɛse, na wobehu Onipa Ba no sɛ ɔreba ɔsoro mununkum so tumi ne anuonyam kɛse mu.


Na sɛnea Noa nna no yɛe no, saa ara nso na Onipa Ba no ba bɛyɛ.


na wɔanhu de kosii sɛ nsu yiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe no, saa ara nso na Onipa Ba no ba bɛyɛ.


Na munhu eyi sɛ, ofiwura nim ɔdasu ko a owifo bɛba a, anka ɔbɛwɛn, na wamma ammetu ne dan ase amma mu.


na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.


Na wobisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, da bɛn na eyinom bɛba, na eyinom rebɛba a, ɛho sɛnkyerɛnne ne dɛn?


Na obuaa wɔn sɛ: Ɛnyɛ mo asɛm sɛ mubehu bere anaa nna a Agya no ahyɛ ato hɔ n’ankasa ne tumi mu,


ɛnne anka ɛsɛ no sɛ ɔtaa hu amane fi wiase fapem, na afei a wiase mmere rewie du yi, wayi ne ho adi prɛko sɛ ɔnam afɔre a ɔde ne ho bɔe so beyi bɔne.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan