Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 23:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Na obiara a ɔbɛma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase; na obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na obiara a ɔbɛma ne ho soɔ no, wɔbɛbrɛ no ase; na obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Na obiara a ɔbɛma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase; saa ara nso na obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

12 Na obiara a ɔbɛma ne ho soɔ no, wɔbɛbrɛ no ase; na obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Na obiara a ɔbɛma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase; saa ara nso na obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na obiara a ɔbɛma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase; na obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 23:12
15 Iomraidhean Croise  

Saa ara na mo mmabun nso, momfa mo ho nhyɛ mpanyimfo ase. Na mo nyinaa mumfura ahobrɛase, na monsonsom mo ho mo ho, efisɛ Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, na ɔdom ahobrɛasefo.


Nanso ɔma ɔdom bebree mmom. Enti na kyerɛw no se: Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, na ɔdom ahobrɛasefo.


Na obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase; na nea ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.


Onipa ahantan bɛbrɛ no ase, na honhom mu hobrɛaseni nsa bɛka anuonyam.


Mise mo sɛ: Oyi de bem kɔɔ ne fi mmom sen obiako no; na obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase, na nea ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.


Enti obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase sɛ abofra yi no, ɔno ara ne ɔkɛse koraa ɔsoro ahenni no mu.


AWURADE suro ne nyansa nteɛso, na ahobrɛase di anuonyam anim.


Nhyira ne honhom mu ahiafo, na wɔn na ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea.


Afei me, Nebukadnesar, mekamfo ɔsoro hene mema no so miyi no ayɛ, sɛ ne nneyɛe nyinaa yɛ nokware, na n’akwan yɛ atɛntrenee, na wɔn a wɔnam ahantan so no, otumi brɛ wɔn ase.


Sɛ wɔbrɛ wo ase a, ɛnne ahomaso nti a. Efisɛ ɔhobrɛaseni de, ɔbɛma wadi yiye.


Na sɛ nea ɔkorɔn na wɔama no so, nea ɔte hɔ daa na ne din yɛ kronkron no se ni: Mete soro ne nea ɛhɔ yɛ kronkron, ne nea wabubu na ne honhom brɛ ase no nkyɛn nso, sɛ mɛma ahobrɛasefo honhom anya nkwa, na mama wɔn a wɔabubu wɔn no koma anya nkwa.


Na AWURADE wɔ ɔsorosoro, na ɔhwɛ ahobrɛasefo, na ahantanfo de, ohu wɔn wɔ akyirikyiri.


Enti mommrɛ mo ho ase Onyankopɔn tumi nsa no ase, na wama mo so, bere a ɛsɛ mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan