Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 22:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Bio, ɔsomaa nkoa foforo sɛ: Monkɔka nkyerɛ wɔn a wɔahyia wɔn no sɛ: Hwɛ, masiesie m’aduan, wɔakum m’anantwi ne me nyɛmmoa, na wɔawie ade nyinaa; mommra ayeforo no ase!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Bio ɔsomaa nkoa foforɔ sɛ: Monkɔka nkyerɛ wɔn a wɔahyia wɔn no sɛ: Hwɛ, masiesie m’aduane, wɔakum m’anantwie ne me nyɛmmoa, na wɔawie nnoɔma nyinaa; mommra ayeforɔ no ase!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 “Ɔsan somaa nʼasomfo afoforo se, ‘Monkɔka nkyerɛ wɔn se, wɔawie biribiara. Wɔakum mʼanantwi ne me nyɛmmoa de anoa aduan awie. Mommra ayeforo no ase mmedidi!’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Bio ɔsomaa nkoa foforɔ sɛ: Monkɔka nkyerɛ wɔn a wɔahyia wɔn no sɛ: Hwɛ, masiesie m’aduane, wɔakum m’anantwie ne me nyɛmmoa, na wɔawie nnoɔma nyinaa; mommra ayeforɔ no ase!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 “Ɔsane somaa nʼasomfoɔ foforɔ sɛ, ‘Monkɔka nkyerɛ wɔn sɛ, wɔawie biribiara. Wɔakum mʼanantwie ne me nyɛmmoa de anoa aduane awie. Mommra ayeforɔ no ase mmɛdidi!’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Bio, ɔsomaa nkoa foforo sɛ: Monkɔka nkyerɛ wɔn a wɔahyia wɔn no sɛ: Hwɛ, masiesie m’aduan, wɔakum m’anantwi ne me nyɛmmoa, na wɔawie ade nyinaa; mommra ayeforo no ase!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 22:4
18 Iomraidhean Croise  

Na wɔampɛ sɛ wotie, na wɔankae w’anwonwade a woyɛe wɔn mu no, na wosinsen wɔn kɔn, na wosii wɔn so panyin sɛ wɔresan akɔ Misraim wɔn anyadi no mu, wɔn atuatew no mu. Na wone fakyɛ Nyankopɔn, ɔdomfo ne mmɔborohunufo, woyɛ abufuw mu nyaa, na w’adɔe dɔɔso, na woannyaw wɔn.


Na wo, Awurade, wuye, na wode kyɛ, na w’adɔe dɔɔso ma wɔn a wɔfrɛ wo nyinaa.


Fam aduan a ɔdɔ wɔ mu ye sen nantwi a wadɔ na ɔtan wɔ mu.


Maba me turo mu, me nua, ayeforo, meretetew me kurobow ne m’aduhuam, meredi me wokyɛm ne me wo, merenom me nsa ne me nufusu. Nnamfonom, munnidi, adɔfonom, monnom na mommee.


Bio ɔsomaa nkoa foforo a wɔdɔɔso sen kan de no; nanso wɔyɛɛ wɔn saa ara.


Na wɔn de, wɔamfa anyɛ hwee, na wɔkokɔe, obi kɔɔ n’afum, na obi nso kodii ne gua.


Ɛnna osee ne nkoa no sɛ: Wɔasiesie ayeforohyia no de, nanso wɔn a wɔahyia wɔn no, ansɛ wɔn.


Na adidi bere dui no, ɔsomaa n’akoa sɛ ɔnkɔka nkyerɛ wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn no sɛ: Mommra, na wɔasiesie nneɛma awie.


na mmom sɛ Honhom Kronkron no nya ba mo so a, mubenya ahoɔden, na moayɛ m’adansefo Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano noho.


Na Paulo ne Barnaba de akokoduru kae sɛ: Ehia sɛ anka wɔka Onyankopɔn asɛm no kyerɛ mo kan; na esiane sɛ musum kyene na mubu mo ho sɛ monsɛ daa nkwa yi, hwɛ, yɛdan kɔ amanaman no nkyɛn.


Nea wankame yɛn n’ankasa ne ba, na mmom yɛn nyinaa nti oyii no mae no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔremfa ade nyinaa nso nka ne ho mmɛdom yɛn?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan