Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 21:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Monka nkyerɛ Sion babea sɛ: Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, odwo, na ɔte afurum ne afurum a ɔsoa nnesoa ba so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Monka nkyerɛ Sion babaa sɛ: Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, ɔdwo, na ɔte afunumu ne afunumu a ɔsoa nnoɔma ba so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 “Monka nkyerɛ Ɔbabea Sion se wo hene reba wo nkyɛn. Odwo, na ɔte afurum ne afurum ba so” no mu den.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Monka nkyerɛ Sion babaa sɛ: Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, ɔdwo, na ɔte afunumu ne afunumu a ɔsoa nnoɔma ba so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 “Monka nkyerɛ Ɔbabaa Sion sɛ wo ɔhene reba wo nkyɛn. Ɔdwo, na ɔte afunumu ne, afunumu ba so,” no mu den.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Monka nkyerɛ Sion babea sɛ: Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, odwo, na ɔte afurum ne afurum a ɔsoa nnesoa ba so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 21:5
39 Iomraidhean Croise  

Ahempoma remfi Yuda nsa, na mmarahyɛ poma remfi n'anan ntam, kosi sɛ ɛsodifo a aman bɛyɛ osetie ama no no bɛba.


Na ɔhene bisaa Siba sɛ: Wode eyinom rebɛyɛ dɛn? Na Siba se: Mfurum yi wɔmfa mma ɔhene fifo na wɔntenatena so, na abodoo ne awia bere mu nnuaba yi, mmerante no nni, na nsa yi nso, wɔmfa mma wɔn a wɔabrɛ sare so na wɔnnom.


Na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa mo wura nkoa nka mo ho, na momfa me ba Solomon ntena m’afurumpɔnkɔ so, na momfa no nsian nkɔ Gihon.


Na Solomon boaboaa nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo ano, na onyaa nteaseɛnam apem ne ahanan ne apɔnkɔsotefo mpem dumien, na ɔde wɔn duaduaa nteaseɛnam nkurow mu ne ɔhene nkyɛn Yerusalem.


na menka w’ayeyi nyinaa menkyerɛ, Sion babea aponkɛse mu, na minni ahurusi wo nkwagye mu.


Sion babea, huro na di ahurusi, na Israel kronkronni a ɔwɔ wo mu no so.


Foro kɔ bepɔw a ɛkorɔn so, O ɔsɛmpakafo Sion. Ma wo nne so ahoɔden so, O ɔsɛmpakafo Yerusalem. Ma so nsuro; ka kyerɛ Yuda nkurow sɛ: Hwɛ, mo Nyankopɔn ni.


Hwɛ, AWURADE ama wɔate akodu asase awiei noho sɛ: Monka nkyerɛ Sion babea sɛ: Hwɛ, wo nkwagye reba, hwɛ, n’akatua ka ne ho, na n’ananmuhyɛ di n’anim.


na me, AWURADE, mɛyɛ wɔn Onyankopɔn, na m’akoa Dawid ayɛ wɔn mu birɛmpɔn; me, AWURADE, na maka.


Na m’akoa Dawid bedi wɔn so hene, na oguanhwɛfo koro adi wɔn nyinaa so, na wɔanantew m’atemmude mu, na wɔahwɛ m’ahyɛde ayɛ,


Na Yuda fi na mehu wɔn mmɔbɔ, na magye wɔn nkwa, AWURADE wɔn Nyankopɔn mu, nanso meremfa ɔta ne nkrante ne akodi ne apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefo so minnye wɔn.


Na wo, Betlehem a ɛwɔ Efrata, wo a woka mmusuakuw a wosua wɔ Yuda no ho, wo mu ara na obi bɛba ama me, na wabɛyɛ Israel so difo no; nea n’ase fi tete nteredee, fi tete nna no mu.


Na obi a ofi Yakob mu bedi tumi, na wasɛe wɔn a wɔaka wɔ kurow no mu no.


Momfa me kɔnnua nto mo ho so, na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu; na mubenya ɔhome ama mo kra.


bebisaa sɛ: Ɛhe na Yudafo hene a wɔawo no no wɔ? Na yɛahu ne nsoromma wɔ apuei, na yɛreba abɛkotow no.


Na wo Betlehem, Yuda asase, wonyɛ Yuda asafohene mu akumaa, efisɛ wo mu na ɔsafohene a ɔbɛhwɛ me man Israel no befi aba.


Na asuafo no kɔe kɔyɛɛ sɛnea Yesu hyɛɛ wɔn no,


Na ofii Mose ne Adiyifo nyinaa so kyerɛɛ wɔn kyerɛw nyinaa mu nsɛm a ɛfa ne ho ase.


Natanael bua see no sɛ: Rabi, woyɛ Nyankopɔn ba, wone Israel hene.


Me Paulo ara na menam Kristo dwo a odwo ne n’ayamye so mitu mo fo, me a mewɔ mo nkyɛn a, meyɛ mmɔborɔfo wɔ mo mu, nanso minni mo nkyɛn a, meyɛ mo so kokodurufo.


Nanso ɔmmma n’apɔnkɔ nnnɔɔso, na ɔmmma ɔman no nnsan nnkɔ Misraim nkɔpɛ apɔnkɔ dodow; na AWURADE aka akyerɛ mo sɛ monnsan mmfa ɔkwan yi so bio.


Na ɔwɔ mmammarima aduanan ne mmanana aduasa a wɔtenaa mfurum aduɔsɔn so. Na odii Israel anim mfe awotwe.


Mo a motete mfurummere afufu so, mo a motete nkuntu a ɛsom bo so, mo a monenam akwan so, monto dwom!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan