Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 21:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Na Yesu kɔɔ asɔrefi, na ɔkɔpam wɔn a wɔtɔn ne wɔn a wɔtɔ fii asɔrefi hɔ, na ɔkaa sikasesafo apon ne wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma nkongua butuwii.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na Yesu kɔɔ asɔrefie, na ɔkɔpamm wɔn a wɔtɔn ne wɔn a wɔtɔ firii asɔrefie hɔ, na ɔkaa sikasesafoɔ apono ne wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma nkonnwa butui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Yesu fii hɔ no, ɔkɔɔ hyiadan mu. Oduu hɔ no, ɔpam aguadifo a wɔwɔ hɔ no nyinaa, kaa sikasesafo apon nyinaa guu fam, bubuu pata a wɔtɔn mmorɔnoma wɔ mu no nyinaa gui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

12 Na Yesu kɔɔ asɔrefie, na ɔkɔpamm wɔn a wɔtɔn ne wɔn a wɔtɔ firii asɔrefie hɔ, na ɔkaa sikasesafoɔ apono ne wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma nkonnwa butui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Yesu firii hɔ no, ɔkɔɔ asɔrefie. Ɔduruu hɔ no, ɔpamoo adwadifoɔ a wɔwɔ hɔ no nyinaa, kaa sikasesafoɔ apono nyinaa guu fam, bubuu apata a wɔtɔn mmorɔnoma wɔ mu no nyinaa guiɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na Yesu kɔɔ asɔrefi, na ɔkɔpam wɔn a wɔtɔn ne wɔn a wɔtɔ fii asɔrefi hɔ, na ɔkaa sikasesafo apon ne wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma nkongua butuwii.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 21:12
18 Iomraidhean Croise  

Nea wɔmma ni: obiara a wɔkan no fra dodow a wɔkan wɔn no mu no mma dwetɛbona fa, sɛ kronkronbea dwetɛbona no te (dwetɛbona biako yɛ gera aduonu), dwetɛbona fa sɛ AWURADE soma afɔrebɔde.


Na sɛ n'ayɛyɛde no fi ntakraboa mu na ɔde rebɛbɔ ɔhyew afɔre ama AWURADE a, ɔmfa nturukuku anaa mmorɔnoma mma nyɛ n'ayɛyɛde mmra.


Na sɛ ahodwira nna no wie du ma ɔbabanin anaa ɔbabea no a, ɔmfa oguanten ba a wadi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre, ne aborɔnoma ba anaa aturukuku a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre mmra ahyiae ntamadan no ano mmɛma ɔsɔfo no.


Na sɛ ne nsa anso ade a edu oguan ba no ano a, ɔmfa nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien mmra mmɛma, biako nyɛ ɔhyew afɔre, na biako nso nyɛ bɔne ho afɔre, na ɔsɔfo no mpata mma no, na ne ho ntew.


ne nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien a ne nsa bɛso so; biako nyɛ bɔne ho afɔre na biako nyɛ ɔhyew afɔre;


Na ɔmfa nturukuku anaa mmorɔnoma mma a ne nsa bɛso so no mu biako,


Na da a ɛto so awotwe no, ɔmfa nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien mmra AWURADE anim, ahyiae ntamadan no ano, na ɔmfa mma ɔsɔfo no.


Na da a ɛto so awotwe no, ɔmfa nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien mmrɛ ɔsɔfo, ahyiae ntamadan no ano.


Na sɛ ne nsa anso nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien so a, nea ɔmfa nyɛ ne bɔne a ɔyɛe ho ayɛyɛde ne asikresam olonka abupɛn du mu biako, na ɛnyɛ bɔne ho afɔre; ɔmmfa ngo nngu so, na ɔmmfa ohuamfufu nnto so, efisɛ ɛyɛ bɔne ho afɔre.


Na sɛ ne nsa anso oguan so a, ɔmfa nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien mmrɛ AWURADE mmɛyɛ bɔne a wayɛ no mu asodi ho afɔre; biako nyɛ bɔne ho afɔre, na biako nyɛ ɔhyew afɔre.


Na ɔhyɛn Yerusalem kɔɔ asɔrefi. Na ɔhwɛɛ nneɛma nyinaa na ade reyɛ asa no, ɔne dumien no fi kɔɔ Betania.


na wɔakɔbɔ afɔre sɛnea ɛte Awurade mmara mu no: Nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien.


Na Yudafo Twam da abɛn, na Yesu kɔɔ Yerusalem.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan