Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 21:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na wɔbɛn Yerusalem na woduu Betfage, Ngo Bepɔw ho no, Yesu somaa asuafo baanu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na wɔbɛnee Yerusalem na wɔduruu Betfage, Ngo Bepɔ ho no, Yesu somaa asuafoɔ baanu

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Aka kakra na Yesu ne nʼasuafo no adu Yerusalem no, wɔbɛn kurow bi a wɔfrɛ no Betfage a ɛwɔ Ngo Bepɔw no so hɔ no. Ɛhɔ na Yesu somaa nʼasuafo no mu baanu se, wonni kan nkɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na wɔbɛnee Yerusalem na wɔduruu Betfage, Ngo Bepɔ ho no, Yesu somaa asuafoɔ baanu

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Aka kakra na Yesu ne nʼasuafoɔ no aduru Yerusalem no, wɔbɛnee kuro bi a wɔfrɛ no Betfage a ɛwɔ Ngo Bepɔ no so hɔ no. Ɛhɔ na Yesu somaa nʼasuafoɔ no mu baanu sɛ, wɔnni ɛkan nkɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na wɔbɛn Yerusalem na woduu Betfage, Ngo Bepɔw ho no, Yesu somaa asuafo baanu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 21:1
13 Iomraidhean Croise  

Na ɛda no, ne nan besisi Ngo-bepɔw a ɛda Yerusalem ntentenso apuei fam no so, na Ngo-bepɔw mfinimfini bɛpae abien afi apuei fam akosi atɔe fam, na ayɛ obon kɛse pa ara, na bepɔw no fa bɛtwe akɔ atifi fam, na ɔfa akɔ anafo fam.


Yesu huu wɔn mmɔbɔ, na ɔde ne nsa kekaa wɔn ani; na ntɛm ara wohuu ade, na wodii n’akyi.


see wɔn sɛ: Monkɔ akuraa a ɛda mo anim yi ase, na ntɛm ara mubehu afurum a wɔasa no ne ne ba; monsan wɔn mfa wɔn mmrɛ me!


Na ɔte Ngo Bepɔw so no, asuafo no baa ne nkyɛn wɔ ɔfa baabi bɛkae sɛ: Kyerɛ yɛn da ko a eyinom bɛyɛ hɔ, na ɛdɛn na ɛbɛyɛ wo ba ne wiase awiei no ho sɛnkyerɛnne?


Na wɔtoo ayeyi dwom no, wofii adi kɔɔ Ngo Bepɔw so.


Na ɔte Ngo Bepɔw so asɔrefi ntentenso no, Petro, Yakobo, Yohane ne Andrea bisaa no wɔ nkyɛn sɛ:


Na wɔtoo dwom no, wofii adi kɔɔ Ngo Bepɔw no so.


Nso da biara no, ɔkyerɛkyerɛ asɔrefi hɔ awia, na anadwo na wafi hɔ akɔtena bepɔw a wɔfrɛ no Ngo Bepɔw no so.


Na ofii adi, na sɛnea ɔyɛ daa no, ɔkɔɔ Ngo Bepɔw so; na asuafo no nso dii n’akyi.


Na Yesu kɔɔ Ngo Bepɔw no so.


Ɛno na wofii bepɔw a wɔfrɛ no Ngo Bepɔw a ɛbɛn Yerusalem bɛyɛ homeda kwan no so san kɔɔ Yerusalem.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan