Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 20:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔne adwumayɛfo no dii ano sɛ da koro denare biako no, ɔma wɔkɔɔ ne bobe turom hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na ɔne adwumayɛfoɔ no dii ano sɛ da koro denare baako no, ɔmaa wɔkɔɔ ne bobe turo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ne nsa kaa apaafo no, ɔne wɔn hyehyɛɛ sɛ obetua wɔn da koro adwuma so akatua.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɔne adwumayɛfoɔ no dii ano sɛ da koro denare baako no, ɔmaa wɔkɔɔ ne bobe turo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ne nsa kaa apaafoɔ no, ɔne wɔn hyehyɛɛ sɛ ɔbɛma wɔn ɛda koro adwuma so akatua.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔne adwumayɛfo no dii ano sɛ da koro denare biako no, ɔma wɔkɔɔ ne bobe turom hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 20:2
24 Iomraidhean Croise  

Na sɛ me de, mifi wo nkyɛn mekɔ a, AWURADE honhom bɛma wo so akɔ baabi a minnim, na sɛ meka mekyerɛ Ahab na wanhu wo a, obekum me. Na me, w’akoa de, mifi me mmofraase misuro AWURADE.


Na n’ahenni afe a ɛto so awotwe so a ɔda so yɛ abofra no, ofii ase hwehwɛɛ n’agya Dawid Nyankopɔn, na afe a ɛto so dumien so no, ofii ase tew Yuda ne Yerusalem ho fii sorɔnsorɔmmea ne Asera nnua ne osen ahoni ne gu ahoni no ho.


Na kae wo bɔfo wo mmerantebere mu ansa na nna bɔne no aba, na mfe a wobɛka sɛ: Minni ho anigye, no adu.


Na akoa no ara fii adi no, okohuu ne nwurakwaa no mu biako a ɔde no denare ɔha; na osoo no mu tim no amenewa kae sɛ: Tua me ka!


Na ɔsoro ahenni te sɛ onipa bi a ɔyɛ ofiwura a ofii adi anɔpatutu sɛ ɔrekɔbɔ adwumayɛfo paa akɔ ne bobe turom.


Na obua see wɔn mu biako sɛ: Awɛ, menyɛɛ wo bɔne bi ɛ; me ne wo anni ano denare anaa?


Na ofii adi bɛyɛ sɛ anɔpa nnɔnkron kohuu afoforo sɛ wogyinagyina gua so kwa.


Na wɔn a wɔfaa wɔn bɛyɛ anwummere nnɔnnum bae no, wɔn nyinaa nyaa denare denare.


Momfa ɔtow sika no bi mmɛkyerɛ me! Na wɔde denare brɛɛ no.


Ɛnna ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: Otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfo no de, wosua.


Na ohuu wɔn nyaatwom no, osee wɔn sɛ: Ɛdɛn nti na mosɔ me hwɛ? Momfa denare bi mmrɛ me na menhwɛ!


Efisɛ ɔbɛyɛ kɛse Awurade anim, na ɔrennom bobesa anaa nsa biara, na Honhom Kronkron bɛhyɛ no ma afi ne na yam po.


Na ade kyee no, oyii denare abien de maa ahɔhodan mu panyin no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ no, na biribiara a wobɛhwere aka ho no, mesan meba a, mɛhyɛ wo anan mu.


Momfa denare mmɛkyerɛ me! Hena mfonini ne nkyerɛwee na ɛwɔ so yi? Na wɔkae sɛ: Kaesare de.


na wufi wo mmofraase nim nkyerɛwee kronkron no a ebetumi ama woahu nyansa afa Kristo Yesu mu gyidi so akɔ nkwagye mu.


Na metee nne bi ateasefo baanan no mfinimfini a ese: Yɛ awi susukora denare, na yɛ aburow susukora abiɛsa denare; nanso ngo ne nsa de, nyɛ no hwee!


Na Samuel de, ɔsomee AWURADE anim; ɔyɛ abofra a wɔde nwera asɔfotade abɔ ne mu.


Na abofra Samuel no kɔɔ so ara nyinii, na onyaa anisɔ AWURADE ne nnipa anim.


Na abofra Samuel som AWURADE, Eli anim. Na AWURADE asɛm ho yɛna saa bere no mu, na anisoadehu ntaa nni hɔ.


Na AWURADE kɔɔ so yii ne ho adi wɔ Silo; na AWURADE de n’asɛm yii ne ho kyerɛɛ Samuel wɔ Silo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan