Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 20:12 - KYERƐW KRONKRON

12 sɛ: Akyirikafo yi de, dɔnhwerew biako pɛ na wɔyɛɛ adwuma, na woama wɔne yɛn a yefi anɔpa ayɛ adwuma na owia ahye yɛn no pɛ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 sɛ: Akyikafoɔ yi deɛ, dɔnhwere baako pɛ na wɔyɛɛ adwuma, na woama wɔn ne yɛn a yɛfiri anɔpa ayɛ adwuma na owia ahye yɛn no pɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Wɔka kyerɛɛ afuw wura no se, ‘Nnipa a wɔbaa akyiri no yɛɛ adwuma dɔnhwerew baako pɛ, nanso yɛn a yɛyɛɛ adwuma fi anɔpa maa owia hyee yɛn no, womaa yɛne wɔn nyinaa akatua pɛ.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

12 sɛ: Akyikafoɔ yi deɛ, dɔnhwere baako pɛ na wɔyɛɛ adwuma, na woama wɔn ne yɛn a yɛfiri anɔpa ayɛ adwuma na owia ahye yɛn no pɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Wɔka kyerɛɛ afuowura no sɛ, ‘Nnipa a wɔbaa akyire no yɛɛ adwuma dɔnhwereɛ baako pɛ, nso yɛn a yɛyɛɛ adwuma firi anɔpa ma owia hyee yɛn no, womaa yɛne wɔn nyinaa akatua pɛ.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 sɛ: Akyirikafo yi de, dɔnhwerew biako pɛ na wɔyɛɛ adwuma, na woama wɔne yɛn a yefi anɔpa ayɛ adwuma na owia ahye yɛn no pɛ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 20:12
20 Iomraidhean Croise  

Na owia puei no, Onyankopɔn siesiee apuei mframa a emu yɛ hyew, na owia bɔɔ Yona atifi ma ɔtɔɔ piti. Na ɔsrɛe sɛ anka onwu, na ose: Owu ye ma me sen nkwa.


Nso moka se: Hwɛ, ɔbrɛ bɛn ni! Na mopeepee, asafo Awurade na ose, na mode afow ade ne aboa apakye ne aboa yarefo ba, na mode bɛyɛ ayɛyɛde; so megye mo nsam ma ayɛ me fɛ anaa? Awurade na ose.


Moaka se: Onyankopɔn som yɛ ɔkwa; na ɛyɛ mfaso bɛn sɛ yɛhyɛ n’ahwɛde na yɛnantew birisi mu, asafo Awurade anim?


Na ɛkaa wɔn nsa no, wonwiinwii hyɛɛ ofiwura no


Na muhu sɛ nifa mframa bɔ a, muse: Ahohuru reba; na ɛba mu.


Afei ahohoahoa wɔ he? Wɔatu ɛno afim. Ɛnam mmara bɛn so? Nnwuma de so? Daabi, na mmom ɛnam gyidi mmara so.


Sɛ ɛte saa de a, na ɛyɛ Onyankopɔn koro a ofi gyidi mu bu twetiafo bem no ara na ɔnam gyidi so bu momonoto bem.


Ɛde besi dɔn yi mu, ɔkɔm ne sukɔm de yɛn, na yɛda adagyaw, na wɔboro yɛn, na yenni baabi te,


sɛ amanaman mufo nso bɛyɛ adedifo ne nipadua koro no ara bi, na wɔnam asɛmpa no so anya kyɛfa ne bɔhyɛ no ho bi Kristo Yesu mu.


Na owia de ne hyehye fi na ɛhyew wura no a, na ne nhwiren apo, na n’ahoɔfɛ asɛe; saa ara na ɔdefo nso bekisa n’akwan so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan