Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 2:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Na wo Betlehem, Yuda asase, wonyɛ Yuda asafohene mu akumaa, efisɛ wo mu na ɔsafohene a ɔbɛhwɛ me man Israel no befi aba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na wo Betlehem, Yuda asase, wonyɛ Yuda asafohene mu akumaa, ɛfiri sɛ wo mu na ɔsafohene a ɔbɛhwɛ me man Israel so no bɛfiri aba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 “ ‘Ao kurow Betlehem, wo a woyɛ otitiriw wɔ Yudaman mu, wo mu na meyi nea obedi me man Israel anim ahwɛ wɔn so.’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 Na wo Betlehem, Yuda asase, wonyɛ Yuda asafohene mu akumaa, ɛfiri sɛ wo mu na ɔsafohene a ɔbɛhwɛ me man Israel so no bɛfiri aba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 “ ‘Ao kuro Betlehem, wo a wonyɛ akumaa wɔ Yuda asafohene mu, wo mu na mɛyi deɛ ɔbɛdi me ɔman Israel anim afiri.’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na wo Betlehem, Yuda asase, wonyɛ Yuda asafohene mu akumaa, efisɛ wo mu na ɔsafohene a ɔbɛhwɛ me man Israel no befi aba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 2:6
24 Iomraidhean Croise  

Ahempoma remfi Yuda nsa, na mmarahyɛ poma remfi n'anan ntam, kosi sɛ ɛsodifo a aman bɛyɛ osetie ama no no bɛba.


Nso kan no a Saul di yɛn so hene no wone nea ɔde Israel fi adi na wode wɔn ba mu; na AWURADE aka akyerɛ wo sɛ: Wo na wobɛyɛn me man Israel, na wo na wubedi Israel so panyin.


Salma a ɔyɛ Betlehem n’agya, Haref a ɔyɛ Bet-gader n’agya.


Na Yuda ho yɛ den ne nuanom mu, na ɔbapɔmma fii no mu de, nanso abakanyɛ no dan Yosef de).


Betlehem mma: Ɔha aduonu abiɛsa.


Ɔbɛyɛn ne nguankuw sɛ oguanhwɛfo, obeturu nguammaa ne basa so, na wasoa wɔn ne kokom; nguan mmaatan no, ɔbɛka wɔn brɛoo.


Na wo, Betlehem a ɛwɔ Efrata, wo a woka mmusuakuw a wosua wɔ Yuda no ho, wo mu ara na obi bɛba ama me, na wabɛyɛ Israel so difo no; nea n’ase fi tete nteredee, fi tete nna no mu.


Na obi a ofi Yakob mu bedi tumi, na wasɛe wɔn a wɔaka wɔ kurow no mu no.


Na wɔwoo Yesu Betlehem a ɛwɔ Yudea, ɔhene Herode bere so no, hwɛ, anyansafo bi fi apuei baa Yerusalem


Na Yesu bae bɛkasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me.


Yesu see no ne mprenu so sɛ: Simon, Yohane ba, wodɔ me? Osee no sɛ: Yiw, Awurade, wunim sɛ medɔ wo. Yesu see no sɛ: Hwɛ me nguan!


Kyerɛwsɛm no anka sɛ Dawid asefo mu ne Betlehem kurow a Dawid tenaa hɔ no mu na Kristo no befi anaa?


Na ɔde ade nyinaa ahyɛ ne nan ase, na ɔde no ayɛ ade nyinaa so ti ama asafo


Na ɔno ne nipadua a ɛne asafo no ti; ɔne mfiase, awufosɔre mu farebae, sɛ ɔnyɛ ade nyinaa mu kannifo.


Efisɛ ɛda adi fann sɛ, Yuda mu na yɛn Awurade puei, nso saa abusuakuw yi Mose ammɔ din anka asɔfodi ho hwee.


Na ɔbɔfo a ɔto so ason no hyɛnee ne torobɛnto no. Na ɛnne akɛse gyigyegyigyei ɔsoro sɛ: Wiase ahenni ayɛ yɛn Awurade ne Kristo no de, na obedi hene daa daa.


na ɔde dade poma bɛyɛn wɔn, na ɔbɛbobɔ wɔn sɛ ɔnwemfo nkuku, sɛnea me nso minyae wɔ m’agya nsam no;


Na oguammaa a ɔwɔ ahengua no mfinimfini no bɛyɛ wɔn hwɛfo, na ɔde wɔn akɔ nkwa asuti ho, na Onyankopɔn bɛpopa nusu nyinaa afi wɔn aniwa mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan