Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 2:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Betlehem a ɛwɔ Yudea; na saa ara na odiyifo no akyerɛw sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Betlehem a ɛwɔ Yudea; na saa ara na odiyifoɔ no atwerɛ sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Wobuaa no se, “Betlehem a ɛwɔ Yudea. Na eyi ne nea odiyifo no kae:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Betlehem a ɛwɔ Yudea; na saa ara na odiyifoɔ no atwerɛ sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Wɔbuaa no sɛ, “Betlehem a ɛwɔ Yudea. Na yei ne deɛ odiyifoɔ no kaeɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Betlehem a ɛwɔ Yudea; na saa ara na odiyifo no akyerɛw sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 2:5
11 Iomraidhean Croise  

Na Rahel wui, na wosiee no Efrat a ɛne Betlehem no kwan nkyɛn


Na wɔwoo Yesu Betlehem a ɛwɔ Yudea, ɔhene Herode bere so no, hwɛ, anyansafo bi fi apuei baa Yerusalem


na ohyiaa ɔman no mu asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo nyinaa bisaa wɔn faako a wɔbɛwo Kristo no.


Kyerɛwsɛm no anka sɛ Dawid asefo mu ne Betlehem kurow a Dawid tenaa hɔ no mu na Kristo no befi anaa?


ne Katat ne Nahalal ne Simron ne Yidala ne Betlehem: Nkurow dumien ne ɛho nkuraa.


Na aberante bi wɔ hɔ a ofi Betlehem Yuda, Yuda abusua bi mu; na ɔyɛ Lewini, na ɔkɔsoɛɛ hɔ hɔho.


Akannifo no bere so no, ɔkɔm baa Yuda asase so. Na ɔbarima bi a ofi Betlehem a ɛwɔ Yuda kɔe sɛ ɔkɔtena Moab asase so ayɛ hɔ hɔho, ɔno ne ne yere ne ne mmammarima baanu.


Na wɔn baanu no nantew beduu Betlehem. Na woduu hɔ no, wɔn nti kurow no nyinaa bɔɔ twi na wɔkae sɛ: So Naomi ni?


Na hwɛ, Boas fi Betlehem bae, na okyiaa awitwafo no sɛ: AWURADE nni mo akyi. Na wogyee no so sɛ: AWURADE nhyira wo.


Na ɔman a wɔwɔ kurow pon ano hɔ no nyinaa ne mpanyin no kae sɛ: Adansefo ne yɛn. AWURADE nyɛ ɔbea a waba wo fi no sɛ Rahel ne Lea a wɔn baanu akyekye Israel fi no. Na yɛ okunini wɔ Efrata, na gye din wɔ Betlehem.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Wubegyam Saul akosi da bɛn? Na me de, mapa no sɛ onnni Israel so hene. Fa ngo hyɛ w’abɛn ma, na bra ma mensoma wo Betlehemni Yese nkyɛn, efisɛ ne mma mu na mayi ɔhene mafa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan