Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 2:4 - KYERƐW KRONKRON

4 na ohyiaa ɔman no mu asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo nyinaa bisaa wɔn faako a wɔbɛwo Kristo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 na ɔhyiaa ɔman no mu asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ nyinaa bisaa wɔn faako a wɔbɛwo Kristo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Ɔhene Herode frɛɛ ɔman no mu asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo behyiae. Obisaa wɔn se, “Ɛhefa na wɔbɛwo Kristo no?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 na ɔhyiaa ɔman no mu asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ nyinaa bisaa wɔn faako a wɔbɛwo Kristo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ɔhene Herode frɛɛ ɔman no mu asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ bɛhyiaeɛ. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Ɛhefa na wɔbɛwo Kristo no?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 na ohyiaa ɔman no mu asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo nyinaa bisaa wɔn faako a wɔbɛwo Kristo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 2:4
30 Iomraidhean Croise  

na wodi nnosoasoafo no so, na wɔhwɛ adwumayɛfo nyinaa so sɛ ɔsom horow no te; nso Lewifo no mu binom yɛ akyerɛwfo ne mpanyimfo ne aponanohwɛfo.


Na Hilkia ka kyerɛɛ ɔkyerɛwfo Safan sɛ: Mmara nhoma no na mahu AWURADE fi yi. Na Hilkia de nhoma no maa Safan.


Nso asɔfo no mu mpanyin nyinaa ne ɔman no maa wɔn mmarato dɔɔso pii sɛ wiase amanaman akyide nyinaa, na woguu AWURADE fi a wayɛ no kronkron Yerusalem no ho fi.


Ɛnna Esra sɔree, na ɔmaa asɔfo mpanyin ne Lewifo ne Israel nyinaa kekaa ntam sɛ wobedi asɛm yi so. Na wɔkekaa ntam no.


ɔno Esra no foro fi Babel bae, nso ɔyɛ ɔkyerɛwfo a wakwadaw Mose mmara a AWURADE Israel Nyankopɔn de mae no mu. Ɔno na ɔhene de nea obisae nyinaa maa no, efisɛ AWURADE Nyankopɔn nsa wɔ no so.


Salu, Amok, Hilkia ne Yedaia. Eyinom ne asɔfo no ne wɔn nuanom atitiriw, Yesua bere so.


Asase so ahemfo tu agyina, na aman sodifo bom tu agyina tia AWURADE ne nea wasra no no sɛ,


Ɛdɛn na moka sɛ: Yɛyɛ anyansafo, na AWURADE mmara wɔ yɛn hɔ? Mmere a, hwɛ, kyerɛwfo atoro pɛnsere ama adan atoro.


Na ɛsɛ sɛ asɔfo ano kora nimdeɛ, na wɔyɛ nhwɛso pa ma afoforo; mmara no nso wodi so, efisɛ asafo Awurade bɔfo ne mo.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Eyi nti ɔkyerɛwfo biara a wɔayɛ no osuani ama ɔsoro ahenni no te sɛ ofiwura bi a ofi n’ademude mu yi nneɛma afoforo ne adedaw adi.


Na ɔhene Herode tee no, ɔne Yerusalemfo nyinaa akoma tui;


Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Betlehem a ɛwɔ Yudea; na saa ara na odiyifo no akyerɛw sɛ:


Na asɔfo mpanyimfo ne Kyerɛwfo no huu anwonwade a ɔyɛe, ne mmofra a wɔteɛteɛm asɔrefi sɛ: Hosiana Dawid ba no, anyɛ wɔn abodwo,


Na oduu asɔrefi na ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfo mpanyimfo ne ɔman no mpanyimfo baa ne nkyɛn bɛkae sɛ: Tumi bɛn na wode yɛ nneɛma yi, na hena na ɔmaa wo tumi yi?


Ɛnna asɔfo mpanyimfo ne ɔman no mpanyimfo kohyiaa ɔsɔfo panyin a wɔfrɛ no Kaiafa aban mu,


Na ogu so kasa no, hwɛ, Yuda a ɔyɛ dumien no mu biako bae, na nkurɔfokuw bebree a wokurakura nkrante ne mmaa fi asɔfo mpanyin ne ɔman no mpanyimfo nkyɛn ka ne ho.


Na ade kyee no, asɔfo mpanyimfo no nyinaa ne ɔman mpanyimfo no tuu Yesu ho agyina sɛ wobekum no.


efisɛ ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛnea ɔwɔ tumi, na ɛnyɛ sɛ wɔn Akyerɛwfo no.


Na ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛnea ɛsɛ sɛ Onipa Ba no hu amane pii na mpanyimfo ne asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo no po no, na wokum no, na ne nnansa so wasɔre;


Na Akyerɛwfo ne asɔfo mpanyin no hwehwɛe sɛ wɔde wɔn nsa koso no mu akyere no dɔn no ara mu, nanso wosuroo ɔman no; efisɛ wohui sɛ bɛ a obui no, ɔde wɔn.


Nso na asɔfo mpanyin ne Akyerɛwfo no gyina hɔ, na wɔtoto n’ano ara.


Ɛnna Yuda de asraafokuw ne asomfo a wofi asɔfo mpanyin ne Farisifo no nkyɛn baa hɔ; wokurakura agyatɛn, akanea ne akode.


Yesu bua see no sɛ: Woyɛ Israel kyerɛkyerɛfo na wunnim eyinom?


Farisifo no tee sɛ nkurɔfokuw no nwiinwii keka eyinom wɔ ne ho. Na Farisifo ne asɔfo mpanyin no somaa asomfo sɛ wɔnkɔkyere no.


Na Akyerɛwfo ne Farisifo no de ɔbea bi a wɔakyere no aguamammɔ mu bae; na wɔde no begyinaa mfinimfini no,


Na wɔteɛteɛɛm kɛse, na kyerɛwfo a wɔwɔ Farisifo fa mu no sɔre kasakasae sɛ: Yenhu bɔne bi onipa yi mu; na sɛ honhom anaa ɔbɔfo akasa akyerɛ no ɛ?


Na ɛbae sɛ ade kyee no, wɔn atitiriw ne mpanyimfo ne kyerɛwfo behyiae Yerusalem,


Na wɔhwanyan ɔman no ne mpanyimfo ne Akyerɛwfo no mu, na wɔbaa no so bɛkyeree no twee no kɔɔ gua mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan