Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 2:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Na woyi kyerɛɛ wɔn ɔdae mu sɛ wɔnnsan nnkɔ Herode hɔ bio no, wɔfaa ɔkwan foforo bi so san kɔɔ wɔn kurom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na wɔyi kyerɛɛ wɔn daeɛ mu sɛ wɔnnsane nnkɔ Herode hɔ bio no, wɔfaa ɔkwan foforɔ bi so sane kɔɔ wɔn kurom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Onyankopɔn soo wɔn dae bɔɔ wɔn kɔkɔ se wɔnnsan nkɔ Herode nkyɛn bio wɔ Yerusalem. Enti wɔfaa ɔkwan foforo so kɔɔ wɔn kurom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

12 Na wɔyi kyerɛɛ wɔn daeɛ mu sɛ wɔnnsane nnkɔ Herode hɔ bio no, wɔfaa ɔkwan foforɔ bi so sane kɔɔ wɔn kurom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Onyankopɔn soo wɔn daeɛ bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔnnsane nkɔ Herode nkyɛn bio wɔ Yerusalem. Enti wɔfaa ɛkwan foforɔ so kɔɔ wɔn kurom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na woyi kyerɛɛ wɔn ɔdae mu sɛ wɔnnsan nnkɔ Herode hɔ bio no, wɔfaa ɔkwan foforo bi so san kɔɔ wɔn kurom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 2:12
17 Iomraidhean Croise  

Na Onyankopɔn baa Aramni Laban nkyɛn anadwo dae mu sɛ: Hwɛ yiye na woankasa papa anaa bɔne so ankyerɛ Yakob.


Na awogyefo no suro Onyankopɔn, enti wɔanyɛ sɛnea Misraim hene ka kyerɛɛ wɔn no, na mmom wogyee mmammarima no nkwa.


Ɛnna woyii ahintasɛm no kyerɛɛ Daniel anadwo anisoadehu mu. Ɛnna Daniel hyiraa ɔsoro Nyankopɔn;


Na ɔredwennwene eyinom no, hwɛ, Awurade bɔfo yii ne ho adi kyerɛɛ no ɔdae mu sɛ: Yosef, Dawid ba, nsuro sɛ wobɛfa wo yere Maria aba wo nkyɛn; na nea ɔyem no no fi Honhom Kronkron mu.


Na wofii hɔ kɔe no, hwɛ, Awurade bɔfo bi yii ne ho adi kyerɛɛ Yosef ɔdae mu sɛ: Sɔre fa abofra no ne ne na, na guan kɔ Misraim, na kɔtena hɔ kosi sɛ mɛka makyerɛ wo; efisɛ Herode rebɛhwehwɛ abofra no akum no.


Na Herode wui no, hwɛ, Awurade bɔfo yii ne ho kyerɛɛ Yosef ɔdae mu wɔ Misraim


Na ɔtee sɛ Arkelao di Yudea hene n’agya Herode ananmu no, osuroe sɛ ɔbɛkɔ hɔ; na woyi kyerɛɛ no ɔdae mu no, ɔman kɔɔ Galilea fam.


Na ɔte atemmu agua so no, ne yere soma baa ne nkyɛn sɛ: Mma asɛm bi mmma wo ne onipa trenee no ntam; na ne nti mahu amane pii ɔdae mu nnɛ.


Na Honhom Kronkron no ayi akyerɛ no sɛ ɔrenhu owu, gye sɛ wahu Kristo a ɔyɛ Awurade no ansa.


Na wobuae sɛ: Asraafo ha so panyin Kornelio, onipa trenee a osuro Onyankopɔn na ɔwɔ din pa Yudafo man nyinaa mu, ɔno na ɔbɔfo kronkron bi yi kyerɛɛ no sɛ ɔmmɛfrɛ wo mmra ne fi, na ontie w’anom nsɛm.


Na Petro ne Yohane bua see wɔn sɛ: So ɛteɛ Onyankopɔn anim sɛ yetie mo sen Nyankopɔn a, mummu ntɛn!


Na Petro ne asomafo no buae sɛ: Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa.


Na wiase nyansa yɛ nkwaseasɛm Onyankopɔn anim; efisɛ wɔakyerɛw sɛ: Ɔkyere anyansafo wɔn anifere mu.


Gyidi na nea wonnya nhui ho nsɛm baa Noa nkyɛn no, ɔde daa ne ho so siesiee adaka maa ne fi nkwagye, ɛno so na ɔnam buu wiase fɔ, na ɔyɛɛ gyidi ho trenee ɔdedifo.


Wɔn na wɔsom ɔsoro nneɛma nhwɛso ne mfonini, te sɛnea bere a Mose rebesiesie ntamadan no, ɛbaa ne nkyɛn a ese: Hwɛ, yɛ ade nyinaa sɛnea nsusuwso a wɔkyerɛɛ wo bepɔw no so no te.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan