Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 2:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Na wɔkɔɔ dan no mu no, wohuu abofra no ne ne na Maria, na wɔkotow sɔree no; na wobuee wɔn fotow so yɛɛ no ayɛ, sika kɔkɔɔ ne aduhuam ne kurobow.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na wɔkɔɔ dan no mu no, wɔhunuu abɔfra no ne ne na Maria, na wɔkoto sɔree no; na wɔbuee wɔn fotoɔ mu yɛɛ no ayɛ, sika kɔkɔɔ ne ohwamfufuo ne korɔbɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Woduu ofi a abofra no ne ne na Maria wɔ mu no, wɔkotow sɔree no. Wɔde wɔn akyɛde a ɛyɛ sikakɔkɔɔ, aduhuam ne kurobow yɛɛ no ayɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

11 Na wɔkɔɔ dan no mu no, wɔhunuu abɔfra no ne ne na Maria, na wɔkoto sɔree no; na wɔbuee wɔn fotoɔ mu yɛɛ no ayɛ, sika kɔkɔɔ ne ohwamfufuo ne korɔbɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Wɔduruu efie a abɔfra no ne ne maame Maria wɔ no, wɔkoto sɔree no. Wɔde wɔn akyɛdeɛ a ɛyɛ sikakɔkɔɔ, aduhwam ne kurobo yɛɛ no ayɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na wɔkɔɔ dan no mu no, wohuu abofra no ne ne na Maria, na wɔkotow sɔree no; na wobuee wɔn fotow so yɛɛ no ayɛ, sika kɔkɔɔ ne aduhuam ne kurobow.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 2:11
33 Iomraidhean Croise  

Na wɔn agya Israel ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ ɛte saa a, ɛnne monyɛ eyi: Momfa asase yi so nnepa ngu mo ade mu, na momfa ayɛyɛde nkɔma ɔbarima no: akyenkyennuru kakra ne ɛwo kakra, ohuam ne kurobow, nkate ne ɔsonkoran aba.


Na ɔmaa ɔhene sika dwetikɛse ɔha aduonu, ne nnuhuam bebree pa ara, ne aboɔden abo; nnuhuam bebree saa bi amma bio, sɛnea Seba hemmaa de maa ɔhene Solomon no.


Na ɔne asafo yuu pa de yoma a wɔsoso nnuhuam ne sika bebree pa ne aboɔden abo baa Yerusalem; na oduu Solomon nkyɛn no, ɔne no bɔɔ nea ɛwɔ ne komam nyinaa ho nkɔmmɔ.


Momfa nidi mapa mma no, na ne bo amfuw, na moanyera ɔkwan mu; na aka kakra na n’abufuw adɛw. Nhyira ne wɔn a woguan toa no nyinaa.


Kurobow ne pɛprɛ ne bɛwewonua yi hua wo ntade nyinaa mu, sanku a wɔbɔ asommɛn aban mu ma w’ani gye.


Tarsis ne nsupɔw mu ahene bɛba abɛyɛ ayɛ, Saba ne Seba ahene bɛba abɛkyɛ ade.


Na obenya nkwa, na ɔde Seba sika no bi bɛma no, na ɔno nso bɛbɔ mpae ama no daa, ahyira no daa adesae.


Mommra mma yemmutuw nkotow nsɔre AWURADE, yɛn yɛfo anim.


Wo nso fa nnuhuam mu atitiriw, kurobow a anene nnwetɛbona ahannum, ne dupapo huamhuam saa fa, ahanu aduonum, ne mmetire huamhuam ahanu aduonum,


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Fa nnuhuam, aneneduru ne nworahuam ne prɛkɛsɛ huamhuam ne ohuamfufu gyenennyenen, wonsusuw ne nyinaa pɛ,


Hena ne oyi a ɔforo fi sare so ba sɛ owusiw a ɛsɔre tee, a kurobow ne huamfufu ne oguadifo nnuhuam nyinaa apun no yi?


Yoma manyamanya bɛkata wo so, Midian ne Efa yomaforo no; wɔn nyinaa fi Seba reba, sika ne aduhuam na wɔsosoe, na wɔkeka AWURADE ayeyi.


Na ɔmfa aduan afɔre no asikresam no nsa ma, ne ngo no bi ne aduan afɔre no so huamfufu nyinaa, na ɔnhyew wɔ afɔremuka no so, na enyi hua huamhuam nyɛ nkae ade mma AWURADE.


Na efi owia apuei de kosi n’atɔe no me din yɛ kɛse amanaman mu, na wɔhyew aduhuam bɔ afɔre ma me din mmaa nyinaa, na wɔde ayɛyɛde a ɛho tew ba; na me din yɛ kɛse amanaman mu, asafo Awurade na ose.


sika asankawa biako a ano si nnwetɛbona du a aduhuam ayɛ no ma;


sika nsankawa a aduhuam ayeyɛ no maama dumien; asankawa no biako ano si nnwetɛbona du, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te, na nsankawa no sika nyinaa si nnwetɛbona ɔha aduonu.


Na sɛnea Yesu Kristo awo te ni: Wɔde ne na Maria maa Yosef asiwayere, na wonnya nhyiaa mu no, wohui sɛ ɔyem nea efi Honhom Kronkron mu.


Na ogu so kasa kyerɛ nkurɔfo akuwakuw no, hwɛ, ne na ne ne nuanom begyinaa afikyiri pɛe sɛ wɔne no kasa.


Na wɔn a wɔwɔ ɔkorow no mu no ba bɛkotow sɔree no sɛ: Onyankopɔn ba ne wo ampa.


Na wohuu nsoromma no no, wɔn ani gyei kɛse pa ara.


bebisaa sɛ: Ɛhe na Yudafo hene a wɔawo no no wɔ? Na yɛahu ne nsoromma wɔ apuei, na yɛreba abɛkotow no.


Na wɔkɔɔ ntɛm so, na wokohuu Maria ne Yosef ne akokoaa no sɛ ɔda mmoa adididaka no mu.


Na dɔn no ara mu, ɔno nso begyinaa hɔ bi yii Nyankopɔn ayɛ saa ara, na ɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn ogye a wobegye Yerusalem no nyinaa.


Na Nikodemo nso a kan ɔbaa Yesu nkyɛn anadwo no bae, na ɔde kurobow ne pɛprɛ mfrafrae bɛyɛ sɛ nkaribo ɔha bae.


Na mehwee ne nan ase mekotow no. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, nyɛ sa, meyɛ w’awurakwaa ne wo nuanom a wokura Yesu adanse no mu bi. Kotow Nyankopɔn! Na Yesu adanse ne adiyi honhom no.


Na ogyee nhoma no no, ateasefo baanan no ne mpanyimfo aduonu anan no hwehwee oguammaa no anim, wɔn nyinaa kurakura asanku ne sika ayowa a ohuam ayɛ no mama a ɛyɛ ahotefo mpaebɔ no.


Na nnipahunu bi kae sɛ: Oyi bɛyɛ dɛn na wagye yɛn? Na wobuu no animtiaa, na wɔamfa ayɛyɛde ammrɛ no. Nanso ɔyɛɛ sɛ nea ɔnte.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan