Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 2:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na wɔwoo Yesu Betlehem a ɛwɔ Yudea, ɔhene Herode bere so no, hwɛ, anyansafo bi fi apuei baa Yerusalem

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na wɔwoo Yesu Betlehem a ɛwɔ Yudea, Ɔhene Herode berɛ so no, hwɛ anyansafoɔ bi firi Apueeɛ baa Yerusalem

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Bere a Ɔhene Herode di ade no na wɔwoo Yesu wɔ Betlehem a ɛwɔ Yudea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na wɔwoo Yesu Betlehem a ɛwɔ Yudea, Ɔhene Herode berɛ so no, hwɛ anyansafoɔ bi firi Apueeɛ baa Yerusalem

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɛberɛ a Ɔhene Herode di adeɛ no na wɔwoo Yesu wɔ Betlehem a ɛwɔ Yudea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na wɔwoo Yesu Betlehem a ɛwɔ Yudea, ɔhene Herode bere so no, hwɛ, anyansafo bi fi apuei baa Yerusalem

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 2:1
25 Iomraidhean Croise  

Na wɔn tenabea fi Mesa kodu Sefar, apuei bepɔw so.


Na mmea a aka no mma a Abraham wɔ no de, bere a Abraham te ase no, ɔkyɛɛ wɔn ade, na ogyaa wɔn kwan fii ne ba Isak ho ma wɔkɔɔ apuei wɔ apuei asase no so.


Na anɔpa no ne ho hiahiaa no, na ɔsoma kɔfrɛfrɛɛ Misraim kyerɛwfo nyinaa ne ɛhɔ anyansafo nyinaa, na Farao kaa ne dae no kyerɛɛ wɔn, nanso obiara antumi ankyerɛ Farao dae no ase.


Ahempoma remfi Yuda nsa, na mmarahyɛ poma remfi n'anan ntam, kosi sɛ ɛsodifo a aman bɛyɛ osetie ama no no bɛba.


Na Solomon nyansa dɔɔso sen apueifo nyinaa nyansa ne Misraim nyansa nyinaa.


Salma a ɔyɛ Betlehem n’agya, Haref a ɔyɛ Bet-gader n’agya.


Na ɔwɔ nguan mpemnsɔn ne yoma mpensa ne anantwi mpamho ahanum ne mfurum abere ahanum, ne fie nnipa bebree pa ara; na ɔbarima no soe sen apueifo no nyinaa.


Na da no, Yese ntini mu duforo a esi hɔ sɛ frankaa ma aman no, n’akyi kwan na amanaman bɛhwehwɛ, na ne tenabea bɛyɛ anuonyam tenabea.


Na wo, Betlehem a ɛwɔ Efrata, wo a woka mmusuakuw a wosua wɔ Yuda no ho, wo mu ara na obi bɛba ama me, na wabɛyɛ Israel so difo no; nea n’ase fi tete nteredee, fi tete nna no mu.


Na Yosef ne no anhyia mu de kosii da a ɔwoo ɔbabanin; na ɔtoo ne din Yesu.


Na Herode hui sɛ anyansafo no agoru ne ho no, ne bo fuwii pii; na ɔsoma ma wokokunkum mmofra a wɔ Betlehem ne n’ahye so a wɔadi mfe abien ne wɔn a wonnya nnii saa no nyinaa sɛnea bere no a obisabisaa anyansafo no kyerɛe no.


Na Herode wui no, hwɛ, Awurade bɔfo yii ne ho kyerɛɛ Yosef ɔdae mu wɔ Misraim


Na ɔhene Herode tee no, ɔne Yerusalemfo nyinaa akoma tui;


Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Betlehem a ɛwɔ Yudea; na saa ara na odiyifo no akyerɛw sɛ:


Ɛnna Herode frɛɛ anyansafo no kokoam, bisaa wɔn bere ko a nsoromma no fii no yiye;


Yuda hene Herode bere so no, ɔsɔfo bi tenaa ase a wɔfrɛ no Sakaria a ofi Abia asɔfokuw mu, na ne yere yɛ Aaron mmabea no mu bi a wɔfrɛ no Elisabet.


sɛ nnɛ wɔawo agyenkwa a ɔne Kristo Awurade no, ama mo wɔ Dawid kurom.


Na ɛbae sɛ abɔfo no fii wɔn nkyɛn kɔɔ ɔsoro no, nguanhwɛfo no keka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ: Momma yɛnkɔ Betlehem, na yɛnkɔhwɛ nea aba a Awurade ayi akyerɛ yɛn yi ɛ!


Kyerɛwsɛm no anka sɛ Dawid asefo mu ne Betlehem kurow a Dawid tenaa hɔ no mu na Kristo no befi anaa?


Na aberante bi wɔ hɔ a ofi Betlehem Yuda, Yuda abusua bi mu; na ɔyɛ Lewini, na ɔkɔsoɛɛ hɔ hɔho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan