Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 19:5 - KYERƐW KRONKRON

5 na ɔkae sɛ: Eyi nti na onipa begyaw agya ne ɛna, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔn baanu no akɔyɛ ɔhonam koro?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Ɛnna ɔkaa sɛ: Yei nti na ɔbarima bɛgya agya ne ɛna, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔn baanu abɛyɛ honam korɔ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Eyi nti na ɔbarima begyaw nʼagya ne ne na hɔ de ne ho akɔbɔ ne yere ho daa nyinaa no.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Ɛnna ɔkaa sɛ: Yei nti na ɔbarima bɛgya agya ne ɛna, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔn baanu abɛyɛ honam korɔ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Yei enti na ɔbarima bɛgya nʼagya ne ne maame hɔ de ne ho akɔbɔ ne yere ho daa nyinaa no.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 na ɔkae sɛ: Eyi nti na onipa begyaw agya ne ɛna, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔn baanu no akɔyɛ ɔhonam koro?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 19:5
19 Iomraidhean Croise  

Na Sekem koma fam Yakob ba Dina ho, na ɔdɔɔ ababaa no, na otwaa ne bo too ne yam.


Wo nti me ho hia me, me nua Yonatan, w’asɛm yɛɛ me dɛ sɛ, wo dɔ yɛɛ me nwonwa sen mmea dɔ.


a wofi amanaman a AWURADE kaa wɔn ho asɛm kyerɛɛ Israelfo sɛ: Monnkɔ wɔn mu na wɔn nso mmma mo mu, ampa wɔbɛkom mo koma adi wɔn anyame no akyi, no mu, wɔn na Solomon bataa wɔn ho ɔdɔ mu.


Ɔbabea, tie, na hwɛ, na yɛ aso, na ma wo werɛ mfi wo man ne w’agya fi.


Me kra bata wo ho di w’akyi, wo nsa nifa so me mu.


Adɛn, Onyankopɔn ammɔ mo biako a ne su wɔ mo mu, so, mobɛwo mma a wɔyɛ Nyamesurofo? Enti monhwɛ mo ho yiye mo honhom ho, na ntwa wo mmerantebere mu yere nkontompo.


Enti wɔnna so nyɛ baanu bio, na mmom wɔyɛ ɔhonam koro. Enti nea Onyankopɔn de abom no, mma onipa nntetew mu!


Mommma nyaatwom mmfra ɔdɔ mu! Munkyi bɔne, mommata papa ho!


Anaasɛ munnim sɛ nea ɔde ne ho bɔ aguamammɔfo ho no, na ɔne no ayɛ nipadua koro anaa? Efisɛ ɔka sɛ: Wɔn baanu bɛyɛ ɔhonam koro.


na aguamammɔ nti, ɔbarima biara nnya n’ankasa yere, na ɔbea biara nnya n’ankasa kunu.


Ɔyere nni ɔno ara ne nipadua so tumi, na mmom okunu; saa ara nso na okunu nni ɔno ara ne nipadua so tumi, na mmom ɔyere.


Eyi nti na onipa begyaw n’agya ne ne na, na wakɔbata ne yere ho, na wɔn baanu no akɔyɛ ɔhonam koro.


AWURADE wo Nyankopɔn na suro no, ɔno na som no, na ne ho na bata, na ne din ho ntam na ka.


Na sɛ mubedi mmara nsɛm a merehyɛ mo yi so ayɛ, na mobɛdɔ AWURADE mo Nyankopɔn anantew n’akwan nyinaa so na moabata ne ho a,


na mo a mobataa AWURADE mo Nyankopɔn ho no, mo nyinaa te ase nnɛ.


Na ɔne Saul kasa wiei no, na Yonatan kra akyekyere Dawid kra ho, na Yonatan dɔɔ no sɛ n’ankasa ne kra.


Na Dawid waree Ahinoam a ofi Yesreel nso, na wɔn baanu no yɛɛ ne yerenom.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan