Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 19:16 - KYERƐW KRONKRON

16 Na hwɛ, obi baa hɔ bebisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, adepa bɛn na menyɛ na manya daa nkwa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Na hwɛ, obi baa hɔ bɛsee no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, adepa bɛn na menyɛ na manya daa nkwa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Ɛno mu na ɔbarima bi baa Yesu nkyɛn bebisaa no se, “Ɔkyerɛkyerɛfo, ade pa bɛn na menyɛ na manya nkwa a enni awiei?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

16 Na hwɛ, obi baa hɔ bɛsee no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, adepa bɛn na menyɛ na manya daa nkwa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Ɛda bi aberanteɛ bi baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, adepa bɛn na menyɛ na manya nkwa a ɛnni awieeɛ?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Na hwɛ, obi baa hɔ bebisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, adepa bɛn na menyɛ na manya daa nkwa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 19:16
32 Iomraidhean Croise  

Na wɔn a wɔdeda fam dɔte mu no bebree benyan, ebinom bɛkɔ daa nkwa mu, na ebinom akɔ ahohorade ne daa ahiyɛ mu.


Na ɔde ne nsa guu wɔn so hyiraa wɔn na ofii hɔ kɔe.


Na Yesu hwɛɛ wɔn anim ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Nnipa fam de, eyi ntumi nyɛ, na Onyankopɔn fam de, ade nyinaa betumi ayɛ hɔ.


Na obiara a me din nti wagyaw ofi, nuammarima anaa nuammea, agya anaa ɛna anaa mma anaa nsaase no, obenya no mmɔho ɔha na wanya daa nkwa.


Na eyinom befi hɔ akɔ daa ahoyeraw mu; na nnipa trenee no bɛkɔ daa nkwa mu.


na mema wɔn daa nkwa, na wɔrenyera, na obi renhuam wɔn mfi me nsam da.


Nea ɔdɔ ne kra no, ebefi ne nsa; na nea ɔtan ne kra wɔ wiase ha yi no, ɔbɛkora no akɔ daa nkwa mu.


na obiara a ogye no di no anya daa nkwa.


Na nea ɔbɛnom nsu a mɛma no no bi no, osukɔm renne no da; na nsu a mɛma no no bɛyɛ nsu abura a efifi kɔ daa nkwa mu wɔ no mu.


Mohwehwɛ kyerɛw nsɛm no mu, efisɛ mususuw sɛ mowɔ daa nkwa wɔ mu; na ɛne nea edi me ho adanse,


Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Nea ogye di no wɔ daa nkwa.


Simon Petro buaa no sɛ: Awurade, hena nkyɛn na yɛbɛkɔ? Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm;


na ɔde wɔn fii adi no, ɔkae sɛ: Awuranom, menyɛ dɛn na wɔagye me nkwa?


Wɔn a wɔde papayɛ mu boasetɔ hwehwɛ anuonyam ne nidi ne ade a ɛmporɔw no, ɔbɛma wɔn daa nkwa;


Na sɛnea bɔne dii hene owu mu no, adom nso nam trenee so adi hene afa yɛn Awurade Yesu Kristo so akɔ daa nkwa mu.


Nanso eyi nti wɔahu me mmɔbɔ, sɛ me a midi kan mu na Yesu Kristo beyi abodwokyɛre nyinaa adi, de ayɛ wɔn a wɔrebegye no adi akɔ daa nkwa mu no nhwɛso.


Ko gyidi ko pa no, so daa nkwa a wɔbɔɔ din frɛɛ wo na wopaee mu kaa no yiye adansefo pii anim no mu.


na wɔmfa nhyehyɛ fapem pa nto hɔ mma wɔn ho nsie daakye, na wɔaso nokware nkwa no mu.


daa nkwa anidaso so, nkwa a Onyankopɔn a onni atoro no de fi teteete hyɛɛ bɔ,


na wɔnam n'adom so abu yɛn bem ama yɛayɛ daa nkwa no anidaso ho adedifo.


na nkwa no yii ne ho kyerɛe, na yɛahu, na yedi ho adanse, na yɛka daa nkwa a ɛne Agya no wɔ hɔ na eyii ne ho kyerɛɛ yɛn no ho asɛm kyerɛ mo,


Na ɛbɔ a ɔde ahyɛ yɛn ne daa nkwa no.


Na yenim sɛ Onyankopɔn Ba no aba na wabɛma yɛn ntease a yɛde hu ɔnokwafo no. Na yɛwɔ ɔnokwafo no mu, ne ba Yesu Kristo no mu. Oyi ne nokware Nyankopɔn ne daa nkwa no.


mfa mo ho nsie Onyankopɔn dɔ mu, na montwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo mmɔborohunu nkɔ daa nkwa mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan