Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 18:3 - KYERƐW KRONKRON

3 na ɔkaa sɛ: Nokware mise mo sɛ, moannan na moanyɛ sɛ mmofra a, morentumi nhyɛn ɔsoro ahenni no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 na ɔkaa sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, moannane na moanyɛ sɛ mmɔfra a, morentumi nhyɛne ɔsoro ahennie no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Merema mo ate ase sɛ, gye sɛ motwe mo ho fi mo bɔne ho, na moyɛ sɛ mmofra nketewa, na mode mo ho ma Onyankopɔn ansa na mubetumi akɔ Ɔsoro Ahenni no mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 na ɔkaa sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, moannane na moanyɛ sɛ mmɔfra a, morentumi nhyɛne ɔsoro ahennie no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Merema mo ate aseɛ sɛ, gye sɛ motwe mo ho firi mo bɔne ho, na moyɛ sɛ mmɔfra nketewa, na mode mo ho ma Onyankopɔn ansa na mobɛtumi akɔ Ɔsoro Ahennie no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 na ɔkaa sɛ: Nokware mise mo sɛ, moannan na moanyɛ sɛ mmofra a, morentumi nhyɛn ɔsoro ahenni no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 18:3
28 Iomraidhean Croise  

Ampa, madwudwo me kra mama ayɛ komm; sɛ ɔba a wɔatwa no nufu a ɔwɔ ne na ho, Yiw me kra te sɛ; ɔba a wɔatwa no nufu


Ma ɔman yi koma mpirim, na wɔn aso nyɛ den, na ka wɔn ani fomfam, na wɔamfa wɔn aniwa anhu, na wɔamfa wɔn aso ante, na wɔn koma anhu mu, na wɔansakra, na wɔansa wɔn yare,


Efisɛ ɔman yi koma apirim, na wɔn aso ayɛ den, na wɔakatakata wɔn ani na wɔamfa wɔn ani anhu, na wɔamfa wɔn aso ante, na wɔamfa wɔn koma ante ase, na wɔannan wɔn ho, na mansa wɔn yare.


Na Yesu frɛɛ abofra bi de no begyinaa wɔn mfinimfini,


Enti obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase sɛ abofra yi no, ɔno ara ne ɔkɛse koraa ɔsoro ahenni no mu.


Nanso Yesu kae sɛ: Momma mmofra no kwan, na munnsiw wɔn me nkyɛn ba ho kwan; na eyinom sɛɛ na ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea.


Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: Nokware mise mo sɛ, ɛyɛ den ma ɔdefo sɛ ɔbɛkɔ ɔsoro ahenni mu.


Na nokware mise mo sɛ, ɔsoro ne asase nnya ntwaa mu yi, akyerɛwde ketewaa biako anaa nsensanee biako po remfi mmara no mu ntwa mu, gye sɛ ne nyinaa aba mu ansa.


Na mise mo sɛ, sɛ mo trenee ammoro Kyerɛwfo ne Farisifo no de so a, morennya ɔsoro ahenni no mu nhyɛn.


Na sɛ moredi mmuada a, monnyɛ mo anim bosaa sɛ nyaatwomfo no. Na wonyinnyan wɔn anim sɛnea nnipa behu sɛ wɔredi mmuada. Nokware mise mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dedaw.


Enti sɛ woyɛ adɔe a, nhyɛn torobɛnto nni w’anim, sɛnea nyaatwomfo no yɛ no hyiadan mu ne mmorɔn so, sɛnea wobenya nnipa anim anuonyam. Nokware mise mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dedaw.


Na sɛ morebɔ mpae a, monnyɛ sɛ nyaatwomfo no; na wɔpɛ sɛ wogyina hyiadan mu ne mmɔnten twea so bɔ mpae, na nnipa ahu wɔn. Nokware mise mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dedaw.


na ohu de, wɔahu, na wɔanhu mu, na ɔte nso wɔate, na wɔante ase, na da bi wɔansakra, na wɔamfa wɔn bɔne ankyɛ wɔn.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mompere nhyɛn ɔpon teateaa no mu! Na mise mo sɛ: Nnipa pii bɛhwehwɛ mu ahyɛn, na wɔrentumi.


Nanso masrɛ mama wo, na woampa wo gyidi. Na wo de, sɛ daakye wosan gyina a, hyɛ wo nuanom den!


Na osee no sɛ: Mereka akyerɛ mo nokwarem pa ara sɛ, mubehu ɔsoro sɛ abue, na Onyankopɔn abɔfo redi aforosian Onipa Ba no so.


Yesu bua see no sɛ: Mereka akyerɛ wo nokwarem pa ara sɛ: Wɔanwo obi foforo a, ɔrentumi nhu Nyankopɔn ahenni no.


Yesu buae sɛ: Mereka akyerɛ wo nokwarem pa ara sɛ: Wɔamfi nsu ne honhom mu anwo obi a, ɔrentumi nhyɛn Onyankopɔn ahenni mu.


hyehyɛɛ asuafo no akra den, tutuu wɔn fo sɛ wɔntena gyidi mu, kae nso sɛ etwa yɛn sɛ yɛnam amanehunu pii mu kɔ Onyankopɔn ahenni mu.


Na ɔman yi koma apirim, na wɔmfa wɔn aso nte asɛm yiye, na wɔamuamua wɔn ani; na wɔamfa wɔn ani anhu ade, na wɔamfa wɔn aso ante asɛm, na wɔamfa wɔn koma ante ase, na wɔannan amma me nkyɛn na mansa wɔn yare.


Enti monsakra mo adwene, na monnan mo ho, na wɔapopa mo bɔne,


Anuanom, monnyɛ mmofra wɔ adwene mu, na mmom bɔne mu na monyɛ mmofra, na dwen mu de, munwie nyin.


na mompɛ asɛm no nufusu kronkron mapa, sɛ nkokoaa a wɔawo wɔn mprempren, na moanyin wɔ mu akɔ nkwagye mu,


Na saa na wɔbɛma mo kwan aboro so akɔ yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo daa ahenni no mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan