Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 17:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na hwɛ, Mose ne Elia yii wɔn ho adi kyerɛɛ wɔn ne no kasae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na hwɛ, Mose ne Elia yii wɔn ho adi kyerɛɛ wɔn ne no kasaeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Prɛko pɛ, Mose ne Elia bepuee hɔ a na wɔne Yesu rekasa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na hwɛ, Mose ne Elia yii wɔn ho adi kyerɛɛ wɔn ne no kasaeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Prɛko pɛ, Mose ne Elia bɛfirii hɔ a wɔne Yesu rekasa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na hwɛ, Mose ne Elia yii wɔn ho adi kyerɛɛ wɔn ne no kasae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 17:3
22 Iomraidhean Croise  

Na Tisbini Elia a ofi Gilead atubrafo no mu ka kyerɛɛ Ahab sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn a migyina n’anim te ase yi, obosu anaa osu rentɔ mfe yi mu gye sɛ ɛnam m’asɛm so!


Hwɛ, meresoma odiyifo Elia mabrɛ mo, ansa na Awurade da kɛse a ɛyɛ hu no aba.


Na ɔsakrae wɔ wɔn anim, na n’anim hyerɛnee sɛ owia, na ne ntade yɛɛ fitaa sɛ hann.


Ɛnna Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: Awurade, eye sɛ yɛtena ha; sɛ wopɛ a, mɛbɔ asese abiɛsa wɔ ha, wo de biako, Mose de biako, na Elia de biako.


Na Elia ne Mose yii wɔn ho adi kyerɛɛ wɔn, a na wɔne Yesu rekasa.


Na ɔde Elia honhom ne ahoɔden bedi n’anim akɔdan agyanom koma aba wɔn mma so, ne asoɔdenfo akɔ treneefo adwene ho, na wasiesie ɔman a wɔaboaboa wɔn ho no de ama Awurade.


Mmara ne adiyifo no bɛpem Yohane so; na efi ɛno so no, wɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa, na obiara nam anibere so kɔ mu.


Na ofii Mose ne Adiyifo nyinaa so kyerɛɛ wɔn kyerɛw nyinaa mu nsɛm a ɛfa ne ho ase.


Na osee wɔn sɛ: Eyi ne me nsɛm a me ne mo wɔ hɔ no, meka mekyerɛɛ mo no, sɛ etwa sɛ nea wɔakyerɛw Mose mmara ne Adiyifo ne Nnwom mu wɔ me ho no nyinaa ba mu.


Na ɛbae sɛ wɔrefi ne nkyɛn akɔ no, Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: Owura, eye sɛ yɛtena ha, na ma yɛmmɔ asese abiɛsa, wo de biako, Mose de biako, na Elia de biako; efisɛ na onnim nea ɔreka.


Na mmara no de, wɔnam Mose so na ɛmae; na adom ne nokware no de, ɛnam Yesu Kristo so na ɛbae.


Mɛma odiyifo so mama wɔn wɔn nuanom mu sɛ wo; na mede me nsɛm mɛhyɛ n’anom, na waka nea mɛhyɛ no nyinaa akyerɛ wɔn;


Na odiyifo bi ansɔre Israel mu bio a ɔte sɛ Mose a AWURADE huu no mmɔanim,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan