Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 17:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔsakrae wɔ wɔn anim, na n’anim hyerɛnee sɛ owia, na ne ntade yɛɛ fitaa sɛ hann.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na ɔsakyeraa wɔ wɔn anim, na n’anim hyerɛnee sɛ owia, na ne ntadeɛ yɛɛ fitaa sɛ hann.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Wɔwɔ hɔ no, wohuu sɛ ne nipadua asakra ama nʼanim ahyerɛn sɛ owia, ma nʼatade ayɛ fitafita sɛ nwera.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɔsakyeraa wɔ wɔn anim, na n’anim hyerɛnee sɛ owia, na ne ntadeɛ yɛɛ fitaa sɛ hann.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Wɔwɔ hɔ no, wɔhunuu sɛ ne onipadua asesa ama nʼanim ahyerɛn sɛ owia, ma nʼatadeɛ ayɛ fitafita sɛ nwera.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔsakrae wɔ wɔn anim, na n’anim hyerɛnee sɛ owia, na ne ntade yɛɛ fitaa sɛ hann.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 17:2
17 Iomraidhean Croise  

Wufura hann sɛ ntama, wotrɛw ɔsoro mu sɛ ntamadan tam,


Ɛhena ne oyi a opue sɛ adekyee, ne ho yɛ fɛ sɛ ɔsram, ne ho tew sɛ owia, na ne ho yɛ hu sɛ asraafo a wokura ɔfrankaa yi?


Na nnansia akyi no, Yesu faa Petro ne Yakob ne ne nua Yohane de wɔn kɔɔ bepɔw tenten bi so wɔ fa baabi.


Na hwɛ, Mose ne Elia yii wɔn ho adi kyerɛɛ wɔn ne no kasae.


Na ne ho te sɛ anyinam, na n’atade hoa sɛ asukɔtwea.


na n’atade hyerɛn fitafita a asase so ntamasifo biara ntumi nhoa no saa.


Na ɔrebɔ mpae no, n’anim tebea sakrae, na n’atade yɛɛ fitaa, na ɛharanee.


Na Asɛm no bɛyɛɛ ɔhonam, na ɔbɛtenaa yɛn mu, na yehuu n’anuonyam sɛ Agya no Ba a ɔwoo no koro anuonyam, na adom ne nokware ayɛ no ma.


Agya, wɔn a wode wɔn ama me no, mepɛ sɛ faako a mewɔ no, wɔn nso mmɛka me ho, na wonhu m’anuonyam a womaa me no, efisɛ wodɔ me ansa na wɔhyɛɛ wiase ase.


Na monnyɛ mo ho sɛ wiase yi, na mmom momfa adwenem foforoyɛ nsakra mo ho, na moasɔ nea Onyankopɔn pɛ a eye, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.


Na mihuu ɔbɔfo foforo ahoɔdenfo bi sɛ ofi soro baa fam, na ofura omununkum, na nyankontɔn wɔ ne ti so, na n’anim te sɛ owia, na ne nan te sɛ ogya fadum.


Na mihuu ahengua fitaa kokuroo ne nea ɔte so a asase ne ɔsoro guan n’anim; na wɔannya baabi amma wɔn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan