Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 16:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Na Yesu hui no, ɔkae sɛ: Mo gyidi sua. Adɛn na modwennwene mo mu sɛ moamfa abodoo ntia?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na Yesu hunuiɛ no, ɔkaa sɛ: O nnipa a mo gyidie sua! Adɛn na moredwendwene mo mu sɛ moamfa paanoo ntira?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Yesu huu nea wodwinnwen no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mo a mo gyidi sua! Adɛn na ɛhaw mo sɛ moamfa aduan?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 Na Yesu hunuiɛ no, ɔkaa sɛ: O nnipa a mo gyidie sua! Adɛn na moredwendwene mo mu sɛ moamfa paanoo ntira?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Yesu hunuu deɛ wɔdwennwene no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo a mo gyidie sua! Adɛn na ɛha mo sɛ moamfa aduane?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na Yesu hui no, ɔkae sɛ: Mo gyidi sua. Adɛn na modwennwene mo mu sɛ moamfa abodoo ntia?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 16:8
9 Iomraidhean Croise  

Na ntɛm ara Yesu teɛɛ ne nsa soo no mu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Wo a wo gyidi sua! Adɛn nti na wugyee akyinnye?


Na wɔdwennwenee wɔn mu kekae sɛ: Yɛamfa abodoo nti anaa?


Na sɛ Onyankopɔn fura wuram ahaban a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena wɔde gu fononoo mu no ntama saa a, ɔrenyɛ nea ɛkyɛn eyi mma mo, mo a mo gyidi sua?


Na osee wɔn sɛ: Mo a mo gyidi sua, adɛn na ehu aka mo sɛɛ? Ɛnna ɔsɔre teɛteɛɛ mframa ne ɛpo no, na ɛyɛɛ dinn.


Akyiri no a dubiako no te adidii no, oyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn, na ɔkaa wɔn anim, ogye a wonnye nni no ne wɔn komaden ho, sɛ wɔannye wɔn a wohuu no sɛ wasɔre no anni nti.


Afei yɛahu sɛ wunim nneɛma nyinaa, na enhia wo sɛ obi bisa wo; eyi mu na yegye di sɛ wufii Nyankopɔn nkyɛn na ɛbae.


Na abɔde biara nni hɔ a ɛnna adi Nyankopɔn anim, na ade nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue, nea yɛne no wɔ asɛm no anim.


Na mede owu mekum ne mma, na asafo no nyinaa ahu sɛ, mene nea ɔhwehwɛ adwene ne koma mu, na mɛma mo mu biara sɛnea mo nnwuma te.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan