Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 16:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Nnɛ mma bɔne ne awaresɛefo hwehwɛ sɛnkyerɛnne, na wɔremma wɔn sɛnkyerɛnne biara, gye Yona sɛnkyerɛnne no. Na ogyaw wɔn fii hɔ kɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Nnɛ mma abɔnefoɔ ne awaresɛefoɔ hwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ, na wɔremma wɔn nsɛnkyerɛnneɛ biara, gye Yona nsɛnkyerɛnneɛ no. Na ɔgyaa wɔn hɔ kɔeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Saa ɔman nnebɔneyɛfo a wonnye hwee nni yi hwehwɛ sɛ wobehu ɔsoro nsɛnkyerɛnne bi, nanso wɔrenhu nsɛnkyerɛnne foforo biara ka anwonwade a woyi kyerɛɛ Yona no ho.” Yesu kaa saa wiee no, ogyaw wɔn hɔ kɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Nnɛ mma abɔnefoɔ ne awaresɛefoɔ hwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ, na wɔremma wɔn nsɛnkyerɛnneɛ biara, gye Yona nsɛnkyerɛnneɛ no. Na ɔgyaa wɔn hɔ kɔeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Saa ɔman nnebɔneyɛfoɔ a wɔnnye hwee nni yi hwehwɛ sɛ wɔbɛhunu ɛsoro nsɛnkyerɛnneɛ bi, nanso wɔrenhunu nsɛnkyerɛnneɛ foforɔ biara ka anwanwadeɛ a wɔyi kyerɛɛ Yona no ho.” Yesu kaa saa wieeɛ no, ɔgyaa wɔn hɔ kɔeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Nnɛ mma bɔne ne awaresɛefo hwehwɛ sɛnkyerɛnne, na wɔremma wɔn sɛnkyerɛnne biara, gye Yona sɛnkyerɛnne no. Na ogyaw wɔn fii hɔ kɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 16:4
15 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE kae sɛ: Me honhom rentena onipa mu nkosi daa, efisɛ wɔyɛ ɔhonam, enti wɔn nna nyɛ mfe ɔha aduonu.


Na mo de, muntwiw mmra ha, ɔbeabayifo mma, ɔwaresɛefo ne aguaman asefo.


Efraim akɔdɔm abosom adum; gyaa no.


Na sɛ wɔyɛn wɔn mma po a, mɛma wɔadi awommawu na obi anka; na sɛ metwe me ho mifi wɔn ho a, wonnue ara!


Na AWURADE asɛm baa Amitai ba Yona nkyɛn sɛ:


Nso na AWURADE asiesie apataa kɛse bi sɛ ɔmmene Yona. Na Yona dii apataa no yam nnansa awia ne anadwo.


Munnyaa wɔn, wɔyɛ anifuraefo a wɔkyerɛ anifuraefo kwan; na sɛ onifuraefo kyerɛ onifuraefo kwan a, wɔn baanu nyinaa bɛtɔ amoa mu.


Na asuafo no duu asuogya noho no, na wɔn werɛ afi sɛ wɔfa abodoo.


Na oguu ahome ne honhom mu kae sɛ: Adɛn na nnɛ mma yi hwehwɛ sɛnkyerɛnne yi? Nokware mise mo sɛ: Wɔremma nnɛ mma yi sɛnkyerɛnne biara.


Na obiara a n’ani bewu me ne me nsɛm ho, nnɛ mma awaresɛefo ne nnebɔneyɛfo yi mu no, ɔno nso ho bɛyɛ onipa ba no aniwu ɛda a ɔne abɔfo kronkron no bɛba wɔ n’agya anuonyam mu no.


Na wotuaa ano na wɔkaa abususɛm no, ɔporow n’atade mu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo mogya ngu mo ankasa mo atifi; me de, me ho afi. Efi nnɛ merekɔ amanaman no mu.


Na ɔde nsɛm bebree kaa ho dii wɔn adanse na otuu wɔn fo sɛ: Momma wonnye mo mfi nnɛ mma abusua kɔntɔnkye yi mu!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan