Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 16:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na anɔpa muse: Ahum betu nnɛ, efisɛ ɔsoro abere, na ayɛ kusuu. Munim ɔsoro ani nsɛm mu kyerɛ, na mmere no ho nsɛnkyerɛnne de, muntumi nkyerɛ mu?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na anɔpa mose: Ahum bɛtu nnɛ, ɛfiri sɛ ɔsoro abere na ayɛ kusuu. Monim ɔsoro ani nsɛm mu kyerɛ, na mmerɛ no ho nsɛnkyerɛnneɛ deɛ, montumi nkyerɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Sɛ edu anɔpa na wim yɛ kɔɔ a, moka se wim rentew da mu no nyinaa. Nanso muntumi nkyerɛ mmere mu nsɛnkyerɛnne no ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na anɔpa mose: Ahum bɛtu nnɛ, ɛfiri sɛ ɔsoro abere na ayɛ kusuu. Monim ɔsoro ani nsɛm mu kyerɛ, na mmerɛ no ho nsɛnkyerɛnneɛ deɛ, montumi nkyerɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Sɛ ɛduru anɔpa na ewiem yɛ kɔkɔɔ a, moka sɛ ewiem rente da mu no nyinaa. Nanso, montumi nkyerɛ mmerɛ mu nsɛnkyerɛnneɛ no ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na anɔpa muse: Ahum betu nnɛ, efisɛ ɔsoro abere, na ayɛ kusuu. Munim ɔsoro ani nsɛm mu kyerɛ, na mmere no ho nsɛnkyerɛnne de, muntumi nkyerɛ mu?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 16:3
11 Iomraidhean Croise  

Isakar mma mu nnipa a wɔyɛ mmere mu nhumufo a wobehu nea ɛsɛ sɛ Israel yɛ, wɔn atitiriw ahanu, na wɔn nuanom nyinaa tiee wɔn.


Anifuraefo hu ade, na mmubuafo nantew, akwatafo ho fi, na asotifo te asɛm, awufo nyan, na wɔka asɛmpa kyerɛ ahiafo.


Nyaatwomfo! Edi sɛ Yesaia hyɛɛ mo ho nkɔm sɛ:


Na Yesu huu wɔn amumɔyɛ no, ɔkae se: Mo nyaatwomfo, adɛn na mosɔ me hwɛ?


Munnue! Mo Kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo! Sɛ moto ɔsoro ahenni mu nnipa anim; na mo ara monkɔ mu, nanso wɔn a wɔrekɔ mu no, mommma wɔn kwan nkɔ mu.


Na Yesu kyinii Galilea nyinaa kyerɛkyerɛe wɔn hyia adan mu, na ɔkaa ahenni no ho asɛmpa no, na ɔsaa yare ne ahoɔmmerɛw biara ɔman no mu.


Nyaatwomni! Yi mpuran no fi w’ani so kan, ɛno ansa na wubehu ade yiye ayi dua no afi wo nua ani so.


Munnue sɛ mote sɛ nna a ɛnna adi, na nnipa a wɔnam so no nhu.


Nyaatwomfo! Munim asase ne ɔsoro ani nneɛma asekyerɛ, na adɛn na munhu bere yi nso asekyerɛ?


Na Awurade buaa no sɛ: Nyaatwomfo! So mo mu biara nsan ne nantwi anaa n’afurum mfi n’adididaka ho mma ɔnkɔnom nsu homeda?


Na aduan a ɛyɛ den no fata wɔn a wɔanyin a ɛnam daa daa adeyɛ nti wɔn adwene tumi hu papa ne bɔne mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan