Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 15:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Ɔman yi de wɔn anofafa na edi me ni, na wɔn koma de, atwe afi me ho kɔ akyirikyiri.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Ɔman yi de wɔn anofafa na ɛdi me ni, na wɔn akoma deɛ, atwe afiri me ho kɔ akyirikyiri.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 “ ‘Saa nnipa yi ka sɛ wodi me ni, nanso wɔn koma mmɛn me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 Ɔman yi de wɔn anofafa na ɛdi me ni, na wɔn akoma deɛ, atwe afiri me ho kɔ akyirikyiri.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 “ ‘Saa nnipa yi ka sɛ wɔdi me ni, nanso wɔn akoma mmɛn me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Ɔman yi de wɔn anofafa na edi me ni, na wɔn koma de, atwe afi me ho kɔ akyirikyiri.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 15:8
11 Iomraidhean Croise  

Me ba, fa wo koma ma me, na ma m’akwan nsɔ w’ani.


Na Awurade se: Esiane sɛ ɔman yi de wɔn ano na ɛbɛn me na wɔde wɔn anofafa na edi me ni, na wɔn koma ne me ntam pan, na osuro a wosuro me no ayɛ nnipa ahyɛde a wɔasua nko nti,


Wotɛw wɔn, na wogye ntini; wonyinnyin na wɔsosow aba nso; wobɛn wɔn ano, na wo ne wɔn asaabo ntam pan.


Na wɔbɛba wo nkyɛn sɛ ɔman bi ba, na wɔatenatena ase w’anim sɛ me man, na wɔate wo nsɛm, nso wɔrenni so, na wɔn anom adɔkɔdɔkɔsɛm na wɔredi; wɔn koma di wɔn mfaso akyi.


Nyaatwomfo! Edi sɛ Yesaia hyɛɛ mo ho nkɔm sɛ:


Na obua see wɔn sɛ: Edi sɛ Yesaia hyɛɛ mo nyaatwomfo ho nkɔm, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Ɔman yi de wɔn ano na edi me ni, na wɔn koma de, atwe afi me ho kɔ akyirikyiri.


Yesu huu Natanael sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ɔkae wɔ ne ho sɛ: Hwɛ, nokware Israelni a nnaadaa nni ne mu ni!


sɛ wɔn nyinaa nni Ɔba no ni, sɛnea wodi Agya no ni no. Nea onni Ɔba no ni no nni Agya a ɔsomaa no no ni.


Wunni asɛm yi mu kyɛfa anaa apɛgyade, efisɛ wo koma nteɛ Onyankopɔn anim.


Monhwɛ yiye, anuanom, na koma bɔne a ennye nni amma mo mu biara mu, na wanwae amfi Nyankopɔn teasefo ho.


Na nea ɔpɛ nkwa na ɔpɛ sɛ ohu nna pa no, ma no nyi ne tɛkrɛma mfi bɔne mu, ne n'ano na anka nnaadaasɛm.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan