Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 12:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Na hwɛ, onipa bi wɔ hɔ a ne nsa awu. Na wobisaa no sɛ: Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔsa yare homeda anaa? Na wɔakɔtoto n’ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na hwɛ, na onipa bi wɔ hɔ a ne nsa awuo. Na wɔbisaa no sɛ: Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔsa yadeɛ homeda anaa? Na wɔakɔtoto n’ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Ohuu ɔbarima bi wɔ ɔdan mu hɔ a na ne nsa baako awu. Farisifo no bisaa Yesu se, “Enti mmara ma ho kwan sɛ obi sa yare Homeda ana?” Wobisaa eyi sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya kwan atoto nʼano na wɔakyere no!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

10 Na hwɛ, na onipa bi wɔ hɔ a ne nsa awuo. Na wɔbisaa no sɛ: Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔsa yadeɛ homeda anaa? Na wɔakɔtoto n’ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Ɔhunuu ɔbarima bi wɔ dan mu hɔ a na ne nsa baako awu. Farisifoɔ no bisaa Yesu sɛ, “Enti mmara ma ho kwan sɛ obi sa yadeɛ Homeda anaa?” Wɔbisaa yei sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya ɛkwan atoto nʼano na wɔakye no!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na hwɛ, onipa bi wɔ hɔ a ne nsa awu. Na wobisaa no sɛ: Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔsa yare homeda anaa? Na wɔakɔtoto n’ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 12:10
21 Iomraidhean Croise  

Na ogyennyentwi ka agyennyentwisɛm na ne koma dwen amumɔyɛsɛm, sɛ obedi ahuhusɛm na waka AWURADE ho asɛm a ɛnteɛ, sɛ ɔbɛma nea odi kɔm kra ada mpan, na wama anonne abɔ nea odi sukɔm.


Yɛato AWURADE mmara atwa no nkontompo, na yɛapa yɛn Nyankopɔn akyi; yɛkasa nhyɛso ne mfomso kasa, yesusuw atosɛm wɔ koma mu yi no adi.


Obiara nsamena asɛntrenee so, na obiara nni asɛm nokware so; wɔde wɔn ho to nsɛnhunu so, na wɔka nsɛnhuhuw; wonyinsɛn ɔhaw, na wɔwo mmusu.


O me nguanhwɛfo hunu a ogyaw nguankuw no nnue! Afoa bɛba ne basa so ne n’aniwa nifa so; ne basa bewu, na n’aniwa nifa afura.


Na Farisifo no hui no, wɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, w’asuafo yɛ nea enni ho kwan sɛ wɔyɛ homeda.


Na Farisifo baa ne nkyɛn bɛsɔɔ no hwɛe sɛ: Obi wɔ ho kwan sɛ asɛm biara nti ogyaa ne yere anaa?


na wɔtɛw no sɛ ɔbɛsa no yare homeda anaa, na wɔakɔtoto n’ano.


na wɔtɛw no hwehwɛe sɛ wobenya n’anom asɛm bi.


Na hyiadan no mu panyin a ɛyɛɛ no ahi sɛ Yesu asa ɔyare homeda bua see nkurɔfokuw no sɛ: Nnansia wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ nnipa yɛ mu adwuma; emu na mommra na wɔnsa mo yare, na ɛnyɛ homeda.


Yɛwɔ ho kwan sɛ yeyi tow ma Kaesare anaasɛ yennyi?


ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mode onipa yi abrɛ me sɛ obi a ɔsɛe ɔman; na hwɛ, mahwehwɛ no mu mo anim, na manhu nsɛm a mode totoo n’ano no mu afobusɛm biara onipa yi mu.


Na wofii ase totoo n’ano sɛ: Yɛahu sɛ onipa yi resɛe yɛn man, na wabra sɛ wonnyi tow mma Kaesare, na ɔka sɛ ɔno ankasa ne ɔhene Kristo no.


Enti Yudafo no ka kyerɛɛ nea wasa no yare no sɛ: Ɛnnɛ yɛ homeda; wunni ho kwan sɛ wosoa wo kɛtɛ.


Na eyinom mu na nnipa pii, ayarefo, anifuraefo, mpakye ne wɔn a wɔn fa awuwu dedae


Sɛ onipa nya twetiatwa homeda na wɔanto Mose mmara no a, dɛn nti na mo bo afuw me sɛ mama onipa mu ho ayɛ no den homeda?


Na eyi de, wɔka de sɔɔ no hwɛe, na wɔanya biribi akɔtoto n’ano. Na Yesu brɛɛ ne mu ase de ne nsatea kyerɛkyerɛw fam.


Ɛnna Farisifo no mu bi kae sɛ: Onipa yi mfi Nyankopɔn nkyɛn, efisɛ onni homeda. Ebinom se: Ɛbɛyɛ dɛn na onipa ɔdebɔneyɛfo betumi ayɛ nsɛnkyerɛnne a ɛte sɛɛ yi? Na mpaepaemu baa wɔn mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan