Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 11:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Na eyinom rekɔ no, Yesu fii ase kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo akuwakuw no sɛ: Ɛdɛn na mufii adi kɔɔ sare so kɔhwɛe? Mmɛw ahaban a mframa rehim anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na yeinom rekorɔ no, Yesu firii aseɛ kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ: Ɛdeɛn na mofirii adi kɔɔ serɛ so kɔhwɛeɛ? Mmɛwa a mframa rehim anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Yohane asuafo no kɔe no, Yesu fii ase kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nnipadɔm no. Obisaa wɔn se, “Mokɔɔ sare so no, dɛn na mokɔɔ sɛ morekɔhwɛ? Sare a mframa rebɔ no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Na yeinom rekorɔ no, Yesu firii aseɛ kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ: Ɛdeɛn na mofirii adi kɔɔ serɛ so kɔhwɛeɛ? Mmɛwa a mframa rehim anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Yohane asuafoɔ no kɔeɛ no, Yesu hyɛɛ aseɛ kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nnipadɔm no. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Mokɔɔ ɛserɛ so no, ɛdeɛn na mokɔɔ sɛ morekɔhwɛ? Ɛserɛ a mframa rebɔ no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na eyinom rekɔ no, Yesu fii ase kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo akuwakuw no sɛ: Ɛdɛn na mufii adi kɔɔ sare so kɔhwɛe? Mmɛw ahaban a mframa rehim anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 11:7
15 Iomraidhean Croise  

Wuhinhim sɛ nsu, enti wo kanni befi wo nsa, efisɛ woforoo w'agya nnae. Ɛno mu na wuguu wo ho fi, me mpa na ɔforoe!


Anaasɛ ɛdɛn na mufii adi kɔhwɛe? Onipa a ɔhyɛ ntade bɔkɔɔ anaa? Hwɛ, wɔn a wɔhyɛ ntade bɔkɔɔ no wɔ ahemfo afi mu.


na abaa a abukaw no, ɔremmu mu, na ntamaban a efi wusiw nso, ɔrennum de akosi sɛ ɔde atɛntrenee bɛkɔ nkonimdi mu.


Yohane asubɔ no, efi he? Efi soro anaasɛ efi nnipa? Na wosusuwii wɔn mu sɛ: Sɛ yɛka sɛ efi soro a, obese yɛn sɛ: Adɛn nti na moannye no anni?


Ɛnna Yerusalemfo ne Yudeafo nyinaa ne Yordan ho asase nyinaa sofo fi kɔɔ ne nkyɛn;


Enti monhwɛ yiye sɛnea mote asɛm no fa. Na obiara a ɔwɔ no na wɔde bɛma no; na nea onni bi de, nea osusuw sɛ ɔwɔ mpo, wobegye ne nsam.


Na Yesu dan ne ho na ohuu wɔn sɛ wodi n’akyi no, obisaa wɔn sɛ: Mohwehwɛ dɛn? Na wosee no sɛ: Rabi (a ne nkyerɛase ne kyerɛkyerɛfo), ɛhe na wote?


Ɔno ne kanea a ɛdɛw na ɛhyerɛn; na mo de, mopɛe sɛ mo ani gye kakra ne hann no mu.


na yɛanna so anyɛ mmotafowa a nkyerɛkyerɛ mframa biara wosow wɔn biribiri twe wɔn di akɔneaba nnipa bradato mu, anifere a ɛnam nnaadaa nnɛɛdɛɛ mu;


Na gyidi mu na ommisa, na onnnye biribiara ho kyim, efisɛ nea ogye kyim no te sɛ ɛpo asorɔkye a mframa bɔ de no redi akɔneaba.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan