Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 11:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Anifuraefo hu ade, na mmubuafo nantew, akwatafo ho fi, na asotifo te asɛm, awufo nyan, na wɔka asɛmpa kyerɛ ahiafo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Anifirafoɔ hunu adeɛ, na mmubuafoɔ nante, akwatafoɔ ho fi, na asotifoɔ te asɛm, awufoɔ nyane, na wɔka asɛmpa kyerɛ ahiafoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 anifuraefo hu ade, mmubuafo nantew, akwatafo ho fi, asotifo te asɛm, na awufo nso nyan. Afei monka nkyerɛ no se, meka asɛmpa no kyerɛ ahiafo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Anifirafoɔ hunu adeɛ, na mmubuafoɔ nante, akwatafoɔ ho fi, na asotifoɔ te asɛm, awufoɔ nyane, na wɔka asɛmpa kyerɛ ahiafoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 anifirafoɔ hunu adeɛ, mmubuafoɔ nante, akwatafoɔ ho ate, asotifoɔ te asɛm, na awufoɔ nso nyane. Afei, monka nkyerɛ no sɛ, meka asɛmpa no kyerɛ ahiafoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Anifuraefo hu ade, na mmubuafo nantew, akwatafo ho fi, na asotifo te asɛm, awufo nyan, na wɔka asɛmpa kyerɛ ahiafo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 11:5
41 Iomraidhean Croise  

Ɛnna osianee de ne ho kɔbɔɔ Yordan mu mpɛn asɔn, sɛnea Onyankopɔn nipa no asɛm no te; na ne honam san baa mu sɛ abofra ketewa honam, na ne ho fii.


Na Israel hene kan nhoma no, osunsuanee ne ntade mu kae sɛ: So Onyankopɔn ne me na mekum na mama nkwa, sɛ oyi resoma aba me nkyɛn sɛ mensa obi kwata yi? Ampa, monhwɛ nhu sɛ asɛm na ɔrepɛ me.


AWURADE bue anifuraefo ani, AWURADE ma wɔn a wɔakotow so gyina, AWURADE dɔ treneefo,


Ahobrɛasefo bedidi na wɔamee, wɔn a wɔpɛ AWURADE akyi kwan beyi no ayɛ. Mo koma nnya nkwa daa.


Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Hena na ɔyɛɛ onipa ano? Anaasɛ hena na ɔyɛ mum anaa ɔsotifo, anaa ɔdehufo anaa onifuraefo? Ɛnyɛ me AWURADE ara?


Ɛda no, asotifo bɛte nhoma mmobɔe no mu nsɛm, na anifuraefo aniwa afi kusuu ne sum mu ahu ade;


na wɔn a wodwo benya AWURADE mu anigye foforo, na nnipa mu ahiafo ho asɛpɛw wɔn Israel kronkronni no mu;


Fa ɔman a wɔyɛ anifuraefo nanso wɔwɔ aniwa no fi bra, ɛne asotifo a wɔwɔ aso no.


Na eyinom nyinaa, me nsa na ɛyɛe maa eyinom nyinaa bae, AWURADE asɛm ni. Na nea mɛhwɛ no ni: Nea ɔyɛ mmɔbɔ na ne honhom abubu, na ne ho popo m’asɛm ano.


Na meyɛn okum nguankuw no, nguan a wɔyɛ mmɔbɔ no wɔ mu saa ara; na mefaa mpoma abien, mefrɛɛ biako sɛ: Adom, na mefrɛɛ biako sɛ: Nkyekyebom; na meyɛn nguankuw no.


Monsa ayarefo yare, munnyan awufo, momma akwatafo ho mfi, muntu ahonhommɔne; munyaa no kwa, na momfa mma kwa!


Na Yesu bua see wɔn sɛ: Monkɔ na monkɔka nea mote na muhu yi nkyerɛ Yohane:


Ɛnna ɔka kyerɛɛ onipa no sɛ: Teɛ wo nsa! Na ɔteɛe, na ɛsan yɛɛ yiye sɛ biako no.


Na anifuraefo ne mpakye baa ne nkyɛn asɔrefi hɔ, na ɔsaa wɔn yare.


Nhyira ne honhom mu ahiafo, na wɔn na ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea.


Na wɔn aniwa buebuei. Na Yesu hyɛɛ wɔn sɛ: Monhwɛ na obiara ante!


Na ɛyɛɛ wɔn ahodwiriw boroo so, na wɔkae sɛ: Wayɛ ade nyinaa yiye, ɔma asotifo te asɛm, na ɔma mumu kasa.


Na Yesu hui sɛ nkurɔfokuw no de mmirika reba no, ɔteɛteɛɛ honhom fi no sɛ: Wo honhom mum ne sotifo, mehyɛ wo sɛ, fi no mu, na nsan nkɔ ne mu bio!


Awurade honhom wɔ me so, na enti wasra me sɛ memmɛka asɛmpa menkyerɛ ahiafo; wasoma me sɛ memmɛka ogye menkyerɛ nnommum ne adehu menkyerɛ anifuraefo, na memmrɛ wɔn a wɔapɛtɛw wɔn no fawohodi,


Yesu buaa wɔn sɛ: Maka makyerɛ mo, na munnye nni; nnwuma a meyɛ m’agya din mu no, ɛno na edi me adanse.


na sɛ meyɛ, na me de munnye me nni a, munnye nnwuma no nni, na moahwɛ ahu sɛ Agya no wɔ me mu, na me nso mewɔ no mu.


Nso ɔwɔ Yerusalem Twam afahyɛ no ase no, afahyɛ no ase nnipa bebree huu ne nsɛnkyerɛnne a ɔyɛe no, na wogyee ne din dii.


ɔno na ɔbaa Yesu nkyɛn anadwo, na obesee no sɛ: Rabi, yenim sɛ wufi Nyankopɔn nkyɛn na aba sɛ ɔkyerɛkyerɛfo; na obi ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnne a woyɛ yi, gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho.


Na me de, mewɔ adanse a ɛsen Yohane de no; na nnwuma a Agya no de ama me sɛ minwie no, nnwuma no ara a meyɛ no di me ho adanse sɛ Agya no na asoma me.


na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ, kɔhohoro so ɔtare Siloa (a ne nkyerɛase ne: Nea wɔasoma no) mu. Ɛnna osiim kɔe kɔhohoroo so, na ɔbae na ohu ade.


Israel mmarima, muntie nsɛm yi! Yesu, Nasareni no, ɔbarima a Onyankopɔn de ahoɔdenne ne anwonwade ne nsɛnkyerɛnne a ɔno Nyankopɔn no ara nam no so yɛe mo mu, yii no kyerɛɛ mo, sɛnea mo ankasa nso munim no,


Me nuanom adɔfo, muntie! So Onyankopɔn mpaw wiase ahiafo sɛ wɔnyɛ gyidi mu ahonyafo ne ahenni a ɔde ahyɛ wɔn a wɔdɔ no bɔ no difo?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan