Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 11:3 - KYERƐW KRONKRON

3 kobisaa no sɛ: Wone nea ɔreba no anaasɛ yɛnhwɛ ɔfoforo kwan?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 kɔbisaa no sɛ: Wone deɛ ɔreba no, anaasɛ yɛnhwɛ ɔfoforɔ kwan?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 “Wo ne nea ɔreba no, anaa yɛnhwɛ ɔfoforo anim?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 kɔbisaa no sɛ: Wone deɛ ɔreba no, anaasɛ yɛnhwɛ ɔfoforɔ kwan?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 “Wo ne deɛ ɔreba no, anaa yɛnhwɛ ɔfoforɔ anim?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 kobisaa no sɛ: Wone nea ɔreba no anaasɛ yɛnhwɛ ɔfoforo kwan?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 11:3
38 Iomraidhean Croise  

Na mehyira wɔn a wohyira wo, na wɔn a wɔdome wo no, mɛdome wɔn; na wo mu na wobehyira asase so mmusua nyinaa.


Na mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea no ntam, ɛne w'asefo ne n'asefo ntam; ɔno na ɔbɛbɔ wo ti, na wo nso woaka ne nantin.


Ahempoma remfi Yuda nsa, na mmarahyɛ poma remfi n'anan ntam, kosi sɛ ɛsodifo a aman bɛyɛ osetie ama no no bɛba.


Nhyira ne nea ɔnam AWURADE din so reba no, yefi AWURADE fi rehyira mo.


Enti Awurade ankasa bɛma mo sɛnkyerɛnne: Hwɛ, ababaa no benyinsɛn awo babanin, na wato no din Imanuel ase ne: Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.


Akyiri no Israel mma bɛsan abɛhwehwɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn ne wɔn hene Dawid, na wɔn ho bɛpopo de aba AWURADE ne n'adɔe ho, nna a edi akyiri no mu.


Na agyefo bɛforo aba Sion bepɔw so abedi Esau bepɔw no so, na ahenni no bɛyɛ AWURADE dea.


Na wo, Betlehem a ɛwɔ Efrata, wo a woka mmusuakuw a wosua wɔ Yuda no ho, wo mu ara na obi bɛba ama me, na wabɛyɛ Israel so difo no; nea n’ase fi tete nteredee, fi tete nna no mu.


na mɛsosow amanaman nyinaa, na amanaman nyinaa de wɔn agyapade bɛba, na mede anuonyam mɛhyɛ ofi yi ma, asafo Awurade na ose.


Di ahurusi pii, Sion babea! Huro, Yerusalem babea. Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, ɔteɛ na ɔwɔ nkwagye; odwo, na ɔte afurum so, afurumforo a ɔyɛ afurummere ba so.


Hwɛ, meresoma me bɔfo, na wasiesie ɔkwan adi m’anim, na mpofirim na Awurade a mohwehwɛ no no, yiw apam bɔfo a mopɛ no no bɛba n’asɔrefi; hwɛ, ɔreba, asafo Awurade na ose.


Na mo a musuro me din no, trenee wia bepue ama mo, na ayaresa wɔ ne ntaban ase, na mubefi adi ahuruhuruw sɛ anantwiforo a wɔadi adɔ,


Mihu no, nso ɛnyɛ mprempren, mehwɛ no, nso ɔmmɛn: Nsoromma bepue Yakob mu, na ahempoma befi Israel mu asɔre, na wadwerɛw Moab afanan nyinaa na wabubu ɔko huuyɛ mma no nyinaa.


Oyi ne nea wɔakyerɛw ne ho asɛm sɛ: Hwɛ, meresoma me bɔfo adi w’anim a obesiesie w’anim kwan.


Na Yesu bua see wɔn sɛ: Monkɔ na monkɔka nea mote na muhu yi nkyerɛ Yohane:


Monka nkyerɛ Sion babea sɛ: Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, odwo, na ɔte afurum ne afurum a ɔsoa nnesoa ba so.


Na nkurɔfo akuwakuw a wodi kan ne wɔn a wodi akyiri no teɛɛm sɛ: Hosiana nka Dawid ba no, Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba no, Hosiana wɔ ɔsorosoro noho!


Na wɔn a wodi anim ne wɔn a wodi akyiri teɛɛm sɛ: Hosiana! Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba!


sɛ: Nhyira ne ɔhene a ɔnam Awurade din mu reba no! Asomdwoe wɔ ɔsoro, na anuonyam wɔ sorosoro noho.


Osee no sɛ: Yiw, Awurade, migye midi sɛ wone Kristo no, Onyankopɔn Ba a ɔreba wiase no.


wɔfofaa berɛw, na wofii adi sɛ wɔrekohyia no, na wɔteɛteɛɛm sɛ: Hosiana! Nhyira ne nea ɔreba Awurade din mu no, Israel hene no!


Ɔno na ɔbɛhyɛ me anuonyam; efisɛ ɔbɛfa me de bi na ɔde abɛkyerɛ mo.


Yesu see no sɛ: Ɔbea, gye me di sɛ, da no reba a ɛnyɛ bepɔw yi so anaasɛ Yerusalem na mobɛsɔre Agya no.


Afei nnipa no huu sɛnkyerɛnne a Yesu yɛe no, wɔkae sɛ: Ampa, odiyifo a ɔreba wiase no ni!


Na nkurɔfokuw no mu pii gyee no dii, na wɔkae sɛ: Kristo no, sɛ ɔba a, so ɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnne bebree asen eyinom a oyi ayɛ yi?


Na aka kakraa bi na nea ɔbɛba no aba, na ɔrenkyɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan