Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 11:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na ɛbae sɛ Yesu wiee n’asuafo dumien no kasakyerɛ no, ofii hɔ sɛ ɔrekɔkyerɛkyerɛ na waka asɛm no nkurow mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na ɛbaa sɛ Yesu wiee n’asuafoɔ dummienu no kasakyerɛ no, ɔfirii hɔ sɛ ɔrekɔkyerɛkyerɛ na waka asɛm wɔn nkuro mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Yesu wiee nʼasuafo dumien no kasakyerɛ no, ofii hɔ kɔɔ nkurow a ɛbemmɛn no mu kɔkyerɛkyerɛɛ asɛm no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na ɛbaa sɛ Yesu wiee n’asuafoɔ dummienu no kasakyerɛ no, ɔfirii hɔ sɛ ɔrekɔkyerɛkyerɛ na waka asɛm wɔn nkuro mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Yesu wiee nʼasuafoɔ dumienu no kasakyerɛ no, ɔfirii hɔ kɔɔ nkuro a ɛbemmɛn no mu kɔkyerɛkyerɛɛ asɛm no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na ɛbae sɛ Yesu wiee n’asuafo dumien no kasakyerɛ no, ofii hɔ sɛ ɔrekɔkyerɛkyerɛ na waka asɛm no nkurow mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 11:1
19 Iomraidhean Croise  

na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.


Na Yesu kyinii Galilea nyinaa kyerɛkyerɛe wɔn hyia adan mu, na ɔkaa ahenni no ho asɛmpa no, na ɔsaa yare ne ahoɔmmerɛw biara ɔman no mu.


Na ɛbae sɛ Yesu wiee nsɛm yi ka no, ne kyerɛkyerɛ no maa nkurɔfo akuwakuw no ho dwiriw wɔn,


Na Yesu kyinii nkurow ne nkuraa nyinaa mu kyerɛkyerɛe wɔn hyiadan mu, na ɔkaa ahenni no ho asɛmpa, na ɔsaa nyarewa ne ahoɔmmerɛw nyinaa.


Na wɔkɔe kɔkaa asɛm sɛ wɔnsakra wɔn adwene.


Nanso wɔkae ara sɛ: Ɔhwanyan ɔman mu, ɔkyerɛkyerɛ Yudea man nyinaa mu, ofii ase Galilea na ɔde abedu ha yi.


Na ɛbae sɛ eyi akyi no, ɔkɔfaa nkurow ne nkuraa nyinaa mu, kaa Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa kyerɛe, na dumien no ka ne ho,


Sɛ mudi m’ahyɛde so a, mobɛtena me dɔ mu, sɛnea madi m’Agya ahyɛde so na mete ne dɔ mu no.


Sɛ moyɛ nea mehyɛ mo a, na moyɛ me nnamfo.


de besii da a ɔnam Honhom Kronkron so maa asomafo a ɔpaw wɔn no ahyɛde, na wɔfaa no kɔɔ soro no ho no.


Yesu a ofi Nasaret: sɛnea Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi sraa no, na okyinii yɛɛ yiye, na ɔsaa wɔn a ɔbonsam hyɛɛ wɔn so no yare, efisɛ Onyankopɔn ka ne ho.


na ɔhyɛɛ yɛn sɛ yɛnka nkyerɛ ɔman no, na yenni adanse sɛ ɔno ne ateasefo ne awufo temmufo a Onyankopɔn ayi no asi hɔ no.


Na munim ahyɛde a yɛnam Awurade Yesu so de maa mo no.


Na yɛwɔ mo nkyɛn no nso, yɛhyɛɛ mo sɛ, sɛ obi mpɛ sɛ ɔyɛ adwuma a, mma ɔno nso nnnidi.


Na anuanom, yɛhyɛ mo, Awurade Yesu Kristo din mu, sɛ montwe mo ho mfi onua biara a ɔnam basabasa na onni atetesɛm a onyae yɛn nkyɛn no so no ho.


sɛ, hwɛ ahyɛde no so, mma dɛm anaasɛ asɛm bi mmma ho kosi yɛn Awurade Yesu Kristo ahoyi so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan