Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 10:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Na mokɔ a, monkɔka sɛ: Ɔsoro ahenni no abɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na mokɔ a, monkɔka sɛ: Ɔsoro ahennie no abɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Monkɔka nkyerɛ wɔn se, ‘Onyankopɔn Ahenni no abɛn!’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Na mokɔ a, monkɔka sɛ: Ɔsoro ahennie no abɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Monkɔka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Onyankopɔn Ahennie no abɛn!’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na mokɔ a, monkɔka sɛ: Ɔsoro ahenni no abɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 10:7
19 Iomraidhean Croise  

AWURADE Nyankopɔn honhom wɔ me so, efisɛ AWURADE asra me sɛ menka asɛmpa menkyerɛ amanehunufo; wasoma me sɛ memmɛkyekye wɔn a wɔn koma abubu werɛ mempae ahofadi menkyerɛ nnommum, ne nneduadan bue menkyerɛ apokyerɛfo;


Monsa ayarefo yare, munnyan awufo, momma akwatafo ho mfi, muntu ahonhommɔne; munyaa no kwa, na momfa mma kwa!


Na ɛbae sɛ Yesu wiee n’asuafo dumien no kasakyerɛ no, ofii hɔ sɛ ɔrekɔkyerɛkyerɛ na waka asɛm no nkurow mu.


Wɔn baanu yi mu hena na ɔyɛɛ nea n’agya pɛ? Na wose: Nea odi kan no. Yesu see wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, towgyefo ne nguamanfo redi mo anim akɔ Onyankopɔn ahenni mu.


Eyi nti mise mo sɛ: Wobegye Onyankopɔn ahenni no afi mo nsam de akɔma ɔman a wɔde mu aduaba bɛba.


Munnue! Mo Kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo! Sɛ moto ɔsoro ahenni mu nnipa anim; na mo ara monkɔ mu, nanso wɔn a wɔrekɔ mu no, mommma wɔn kwan nkɔ mu.


sɛ: Monsakra mo adwene; na ɔsoro ahenni no abɛn.


Efi saa bere no, Yesu fii ase kaa asɛm sɛ: Monsakra mo adwene; na ɔsoro ahenni no abɛn.


Na wɔkɔe kɔkaa asɛm sɛ wɔnsakra wɔn adwene.


Mmara ne adiyifo no bɛpem Yohane so; na efi ɛno so no, wɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa, na obiara nam anibere so kɔ mu.


Na ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛm, na wɔnsa yare.


Na wosiim hɔ faa nkuraa nyinaa ase mmiako mmiako kaa asɛmpa no, na wɔsaa yare baabiara.


Na Yesu see no sɛ: Ma awufo nsie wɔn awufo, na wo de, kɔ na kɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛm!


ɔno na ɔbaa Yesu nkyɛn anadwo, na obesee no sɛ: Rabi, yenim sɛ wufi Nyankopɔn nkyɛn na aba sɛ ɔkyerɛkyerɛfo; na obi ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnne a woyɛ yi, gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho.


Petro fitii ara pɛ na Kornelio kohyiaa no, hwee ne nan ase sɔree no.


kaa Onyankopɔn ahenni ho asɛm, na ɔde nnam nyinaa kyerɛkyerɛɛ nneɛma a ɛfa Awurade Yesu Kristo ho, na obi ansiw no kwan.


Na ɛyɛɛ wɔn ahi sɛ wɔrekyerɛkyerɛ ɔman no, na wɔreka awufo mu sɔre wɔ Yesu din mu,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan