Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 10:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Dumien yi na Yesu somaa wɔn hyɛɛ wɔn sɛ: Mommman nnkɔ amanaman kwan so, na monnhyɛn Samariafo kurow biara mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Dummienu yi na Yesu somaa wɔn hyɛɛ wɔn sɛ: Mommmane nnkɔ amanaman kwan so, na monnhyɛne Samariafoɔ kuro biara mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Yesu somaa asuafo dumien no hyɛɛ wɔn se, “Monnkɔ nea amanamanmufo wɔ anaa Samariafo kurow biara mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Dummienu yi na Yesu somaa wɔn hyɛɛ wɔn sɛ: Mommmane nnkɔ amanaman kwan so, na monnhyɛne Samariafoɔ kuro biara mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Yesu somaa asuafoɔ dumienu no hyɛɛ wɔn sɛ, “Monnkɔ deɛ amanamanmufoɔ wɔ anaa Samariafoɔ kuro biara mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Dumien yi na Yesu somaa wɔn hyɛɛ wɔn sɛ: Mommman nnkɔ amanaman kwan so, na monnhyɛn Samariafo kurow biara mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 10:5
27 Iomraidhean Croise  

Na ɔsomaa ne nkoa sɛ wɔnkɔfrɛ wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn sɛ wɔmmra ayeforo no ase no, wɔampɛ sɛ wɔba.


Sebulon asase ne Naftali asase, ɛpo kwan so, Yordan agya, amanaman Galilea,


Na ɔfrɛɛ dumien no baa ne nkyɛn, na ofii ase somaa wɔn baanu baanu, na ɔmaa wɔn ahonhom fi so tumi.


Eyinom akyi no, Awurade yii nnipa aduɔsɔn bio,


Na Samariani bi a ɔnam ne kwan baa nea ɔwɔ hɔ, na ohuu no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ.


na ɔde n’anim butuw fam wɔ ne nan ase daa no ase. Ɔno de, ɔyɛ Samariani.


Na ɔfrɛɛ dumien no hyiae maa wɔn ahonhommɔne nyinaa ne ayaresa so tumi ne ahoɔden.


Na ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛm, na wɔnsa yare.


Sɛnea wosomaa me wiase no, saa ara na me nso meresoma wɔn wiase.


Ɛnna Yesu see wɔn bio sɛ: Asomdwoe nka mo! Sɛnea Agya no asoma me no, me nso mesoma mo.


Yɛn agyanom sɔree bepɔw yi so; na mo de, moka sɛ Yerusalem ne faako a ɛsɛ sɛ wɔsɔre.


Na afei oduu Samaria kurow bi a wɔfrɛ no Sikar a ɛbɛn asasewa a Yakob de maa ne ba Yosef no ho.


Ɛnna Samariani bea no see no sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na wo a woyɛ Yudani bisa me a meyɛ Samariani bea hɔ nsu anom? (Ɔkaa saa efisɛ na Yudafo ne Samariafo nka.)


Ɛnna Yudafo no sisee wɔn ho sɛ: Ɛhe na oyi rebɛkɔ a yɛrenhu no? So ɔrebɛkɔ wɔn a wɔapete Helafo mu no mu akɔkyerɛkyerɛ Helafo?


Ɛnna Yudafo no bua see no sɛ: Yɛanka ampa sɛ woyɛ Samariani na wowɔ honhommɔne?


na mmom sɛ Honhom Kronkron no nya ba mo so a, mubenya ahoɔden, na moayɛ m’adansefo Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano noho.


Na gyidifo a wofi twetiafo mu a wɔne Petro bae no ho dwiriw wɔn sɛ wɔahwie Honhom Kronkron akyɛde no agu amanaman mufo nso so;


Na Saulo nso penee ne kum no so. Na da no ara ɔtaa kɛse baa asafo a ɛwɔ Yerusalem no so, na wɔn nyinaa hwete kɔɔ Yudea ne Samaria nsaase so, gye asomafo no nko.


Wɔbra yɛn sɛ yɛnnkasa nnkyerɛ amanaman no, na wɔannye wɔn nkwa, wɔde hyɛ wɔn bɔne ma daa, nso abufuw no anya aba wɔn so awie.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan