Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 10:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Simon a ofi Kana ne Yuda Iskariot a oyii no mae no nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Simon a ɔfiri Kana ne Yuda Iskariot a ɔyii no maeɛ no nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Simon a ofi Kana ne Yuda Iskariot a akyiri no, oyii Yesu mae no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Simon a ɔfiri Kana ne Yuda Iskariot a ɔyii no maeɛ no nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Simon a ɔfiri Kana ne Yuda Iskariot a akyire yi, ɔyii Yesu maeɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Simon a ofi Kana ne Yuda Iskariot a oyii no mae no nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 10:4
19 Iomraidhean Croise  

Ɛnna dumien no mu biako a wɔfrɛ no Yuda Iskariot kɔɔ asɔfo mpanyimfo no nkyɛn


sɛ: Dɛn na mobɛma me na mayi no mahyɛ mo nsa? Na wɔkarii nnwetɛbona aduasa de maa no.


Munim sɛ aka nnanu na Twam da adu, na wobeyi Onipa Ba no ama sɛ wɔmmɔ no asɛnnua mu.


Na ogu so kasa no, hwɛ, Yuda a ɔyɛ dumien no mu biako bae, na nkurɔfokuw bebree a wokurakura nkrante ne mmaa fi asɔfo mpanyin ne ɔman no mpanyimfo nkyɛn ka ne ho.


Ɛnna Yuda a oyii no mae no hui sɛ wɔabu no fɔ no, onuu ne ho, na ɔde nnwetɛbona aduasa no san brɛɛ asɔfo mpanyin ne mpanyimfo no sɛ:


Na Yuda Iskariot, dumien no mu biako, siim kɔɔ asɔfo mpanyimfo no nkyɛn sɛ obeyi no ama wɔn.


Na amonom hɔ ara, ogu so rekasa no, Yuda, dumien no mu biako, bae, na nkurɔfokuw bebree a wokurakura nkrante ne mmaa fi asɔfo mpanyimfo ne kyerɛwfo ne mpanyimfo no nkyɛn ka ne ho.


Na Satan kɔhyɛn Yuda a wɔfrɛ no Iskariot a ɔyɛ dumien no mu biako no mu.


Na ogu so kasa no, hwɛ, nnipakuw bi bae a dumien no mu biako a wɔfrɛ no Yuda di wɔn anim. Na otwiw bɛn Yesu befew n’ano.


Na wɔrebedidi no, na ɔbonsam anya de ahyɛ Yuda Iskariot, Simon ba, komam sɛ onkoyi no mma,


Na mo mu binom wɔ hɔ a wonnye nni. Na Yesu nim wɔn a wonnye nni no fi mfiase ne nea obeyi no ama no.


Ɔde Yuda Iskariot, Simon ba; na ɔno na ɔrebeyi no ama, nso ɔyɛ dumien no mu biako.


Na woduu hɔ no, wɔkɔɔ abansoro dan no mu; ɛhɔ na Petro ne Yohane ne Yakobo, Andrea, Filipo ne Toma, Bartolomeo ne Mateo, Alfeo ba Yakob ne Simon Selote ne Yakobo ba Yuda te.


sɛ ɔmfa ɔsom yi ne asomafodwuma a Yuda fii mu teree ho sɛ ɔrekɔ ɔno ankasa tenabea no kyɛfa no nsom!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan