Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 10:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na asomafo dumien no din ni: Nea odi kan ne Simon a wɔfrɛ no Petro, ne ne nua Andrea; Yakob a ɔyɛ Sebedeo ba no, ne ne nua Yohane,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na asomafoɔ dummienu no din nie: Deɛ ɔdi kan ne Simon a wɔfrɛ no Petro ne ne nua Andrea; Yakobo a ɔyɛ Sebedeo ba no ne ne nua Yohane,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Yesu asuafo dumien no din ni: Simon a ne din baako ne Petro ne ne nua Andrea; Yakobo ne ne nua Yohane a wɔyɛ Sebedeo mma no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na asomafoɔ dummienu no din nie: Deɛ ɔdi kan ne Simon a wɔfrɛ no Petro ne ne nua Andrea; Yakobo a ɔyɛ Sebedeo ba no ne ne nua Yohane,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Yesu asuafoɔ dumienu no din nie: Simon a ne din baako ne Petro ne ne nua Andrea; Yakobo ne ne nua Yohane a wɔyɛ Sebedeo mma no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na asomafo dumien no din ni: Nea odi kan ne Simon a wɔfrɛ no Petro, ne ne nua Andrea; Yakob a ɔyɛ Sebedeo ba no, ne ne nua Yohane,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 10:2
44 Iomraidhean Croise  

Na nnansia akyi no, Yesu faa Petro ne Yakob ne ne nua Yohane de wɔn kɔɔ bepɔw tenten bi so wɔ fa baabi.


Ɛnna Sebedeo mma no na, ne ne mma baa ne nkyɛn bɛkotow no, na ɔsrɛɛ ne hɔ biribi.


Na ɔfaa Petro ne Sebedeo mma baanu no kaa ne ho no, ne werɛ fii ase howee, na ne ho yeraw no pa ara.


Na Yesu nenam Galilea po ho no, ohuu anuanom baanu, Simon a wɔfrɛ no Petro ne ne nua Andrea, sɛ wɔregu asawu ɛpo mu; na wɔyɛ apofofo.


Na ofi hɔ kɔɔ n’anim no, ohuu anuanom baanu bio, Sebedeo ba Yakob ne ne nua Yohane, sɛ wɔne wɔn agya Sebedeo te ɔkorow mu retuatua wɔn asawu mu; na ɔfrɛɛ wɔn.


Na wofii hyiadan no mu no, ntɛm ara na wɔne Yakob ne Yohane kɔɔ Simon ne Andrea fi.


Na ɔte Ngo Bepɔw so asɔrefi ntentenso no, Petro, Yakobo, Yohane ne Andrea bisaa no wɔ nkyɛn sɛ:


Na asomafo no boaboaa wɔn ho ano baa Yesu nkyɛn, na wɔbɛkaa nea wɔyɛe ne nea wɔkyerɛkyerɛe no nyinaa kyerɛɛ no!


Eyi nti nso na Onyankopɔn nyansa no se: Mɛsoma adiyifo ne asomafo akɔ wɔn mu, na wɔakum na wɔataa wɔn mu binom,


Na dɔn no dui no, ɔbɛtenaa ase, na asomafo no ka ne ho.


Na ɔsomaa Petro ne Yohane sɛ: Monkɔ nkosiesie Twam no mma yɛn, na yemmedi.


na sɛ nso ɛyɛɛ Yakob ne Yohane, Sebedeo mma a wɔyɛ Simon mfɛfo ara nen. Na Yesu ka kyerɛɛ Simon sɛ: Nsuro! Efi nnɛ wubeyi nnipa.


Na asomafo no san bae, na wɔbɛkaa nea wɔakɔyɛɛ nyinaa kyerɛɛ no. Na ɔfaa wɔn de wɔn kɔɔ ɔfa baabi, kurow a wɔfrɛ no Betsaida no ho.


Filipo bae bɛka kyerɛɛ Andrea, na afei Andrea ne Filipo bɛka kyerɛɛ Yesu.


Na asuafo no mu biako a Yesu dɔ no tweri Yesu kokom;


Ɛnna otuu mmirika baa Simon Petro ne osuani biako a Yesu dɔ no no nkyɛn, na osee wɔn sɛ: Wɔayi Awurade afi ɔda no mu, na yennim nea wɔde no akɔto.


Simon Petro ne Toma a wɔfrɛ no Ata ne Natanael a ofi Kana a ɛwɔ Galilea ne Sebedeo mma ne n’asuafo no mu baanu nso wɔ hɔ.


Ɛnna Petro dan n’ani no, ohuu osuani a Yesu dɔ no no sɛ odi wɔn akyi, ɔno na otwerii ne kokom adidi no ase a ɔkae sɛ: Awurade, hena ne nea obeyi wo ama no?


Oyi ne osuani a odi eyinom ho adanse na ɔkyerɛw eyinom no; na yenim sɛ n’adanse no yɛ nokware.


Ɛnna Yesu see dumien no sɛ: Mo nso, mopɛ sɛ mokɔ bi anaa?


Yesu buaa wɔn sɛ: Ɛnyɛ me na mapaw mo dumien yi anaa? Na mo mu biako yɛ ɔbonsam!


Ɔde Yuda Iskariot, Simon ba; na ɔno na ɔrebeyi no ama, nso ɔyɛ dumien no mu biako.


Na asuafo no mu biako, Andrea, Simon Petro ne nua, ka kyerɛɛ no sɛ:


Na woduu hɔ no, wɔkɔɔ abansoro dan no mu; ɛhɔ na Petro ne Yohane ne Yakobo, Andrea, Filipo ne Toma, Bartolomeo ne Mateo, Alfeo ba Yakob ne Simon Selote ne Yakobo ba Yuda te.


Na wɔtwee wɔn so ntonto; na ntonto no bɔɔ Matia, na wɔkan no kaa asomafo dubiako no ho.


Ɔde nkrante kum Yohane ne nua Yakobo.


Na ɛrekɔbɔ awia nnɔn abiɛsa a wɔbɔ mpae wom no, Petro ne Yohane bɔɔ anan kɔɔ asɔrefi.


Ɛno akyi ɔmaa Yakob huu no ansa na asomafo no nyinaa rehu no.


Na ɔno na wama ebinom ayɛ asomafo, ebinom adiyifo, ebinom asɛmpakafo, ebinom ahwɛfo ne akyerɛkyerɛfo,


Ɛno nti, anuanom akronkronfo a mofra ɔsoro frɛ no mu, monhwɛ yɛn asɛm a yegyina so ka no ho Ɔsomafo ne Ɔsɔfo Panyin Yesu


Petro, Yesu Kristo somafo, de kɔma wɔn a wɔahwete akɔ Ponto, Galatia, Kapadokia, Asia ne Bitinia no mu amamfrafo a wɔayi wɔn,


Simon Petro, Yesu Kristo akoa ne somafo, de kɔma wɔn a wɔanya gyidi a ne bo yɛ den sɛ yɛn de no, yɛn Nyankopɔn ne Agyenkwa Yesu Kristo trenee mu:


Me, ɔpanyin no, kyerɛw kɔma Awuraa a wɔayi no, ne ne mma a medɔ wɔn nokware mu, na ɛnyɛ me nko ara, na wɔn a wɔahu nokware no nyinaa,


Me, ɔpanyin no, kyerɛw kɔma ɔdɔfo Gaio a medɔ no nokware mu no.


Yesu Kristo adiyi a Onyankopɔn de maa no sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa nea etwa sɛ ɛba ntɛm, na ɔnam ne bɔfo so de bɛkyerɛɛ n’akoa Yohane


Me, Yohane a meyɛ mo nua ne Yesu ahohia ne ahenni ne boasetɔ no mu yɔnko no, esiane Nyankopɔn asɛm ne Yesu adanse nti, mewɔ supɔw a wɔfrɛ no Patmo no so, Onyankopɔn asɛm ne Yesu adanse nti.


Ɔsoro ne mo, ahotefo ne asomafo ne adiyifo, momma mo bo ntɔ mo yam wɔ ne ho, efisɛ Onyankopɔn abu no atɛn ama mo.


Na me, Yohane, ne nea ohuu nneɛma yi na ɔtee. Na metee na mihui no, mehwee ase sɛ merekotow ɔbɔfo a ɔkyerɛɛ me nneɛma yi nan ase.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan