Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 10:16 - KYERƐW KRONKRON

16 Hwɛ, meresoma mo sɛ nguan akɔ mpataku mfinimfini; enti monyɛ anitew sɛ awɔ, na monyɛ bɔkɔɔ sɛ mmorɔnoma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Hwɛ, meresoma mo sɛ nnwan akɔ mpataku mfimfini; enti monyɛ aniteɛ sɛ awɔ, na monyɛ bɔkɔɔ sɛ mmuruburo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 “Monkae sɛ meresoma mo sɛ nguan akɔ mpataku mu. Monyɛ anifere sɛ awɔ na munnwo sɛ mmorɔnoma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

16 Hwɛ, meresoma mo sɛ nnwan akɔ mpataku mfimfini; enti monyɛ aniteɛ sɛ awɔ, na monyɛ bɔkɔɔ sɛ mmuruburo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 “Monkae sɛ meresoma mo sɛ nnwan akɔ mpataku mu. Monyɛ anifire sɛ awɔ na monnwo sɛ mmorɔnoma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Hwɛ, meresoma mo sɛ nguan akɔ mpataku mfinimfini; enti monyɛ anitew sɛ awɔ, na monyɛ bɔkɔɔ sɛ mmorɔnoma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 10:16
25 Iomraidhean Croise  

Na ɔwɔ yɛ anifere kyɛn wuram mmoadoma a AWURADE Nyankopɔn yɛɛ wɔn nyinaa. Na obisaa ɔbea no sɛ: Ampa sɛ Nyankopɔn aka sɛ Munnni turom ha nnua nyinaa bi?


Na AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: Ɛdɛn nti na woyɛɛ saa? Na ɔbea no se: Ɔwɔ no na ɔdaadaa me na midii.


Ɛnna mede nnipa misisii ase ase hɔnom, ɔfasu no akyi, nea ɛhɔ da hɔ no, na mede ɔman no misisii sɛ wɔn mmusua te, wɔde wɔn nkrante ne wɔn mpeaw ne wɔn ta.


Na Ahikam ba Gedalia ka kyerɛɛ Karea ba Yohanan sɛ: Nni saa asɛm yi, na atosɛm na woreka Ismael ho yi.


Na Efraim adan sɛ aborɔnoma ayemfo, onni ti; wɔrepɛ mmoa afi Misraim no na wɔdan Asaria nso.


Hwɛ, maka makyerɛ mo dedaw.


Na hena koraa ne akoa nokwafo ne ɔbadwemma a ne wura de no asi n’asomfo so sɛ ɔmma wɔn aduan ɛbere a ɛsɛ mu?


Na wɔn mu baanum yɛ mmadwemma, na baanum nso nyɛ mmadwemma.


na mmadwemma no faa ngo guu ntoaa mu kaa wɔn akanea ho.


Na mmadwemma no buae sɛ: Dabi, ɛrenso yɛne mo; na monkɔ wɔn a wɔtɔn no mmom nkyɛn nkɔtɔ mo de!


Monkɔ! Hwɛ, meresoma mo sɛ nguanten akɔ mpataku mu.


Na me na mɛma mo ano ne nyansa a mo atamfo nyinaa rentumi ntua ano na wɔrennyina anim.


Na minim sɛ me kɔ akyi no, mpataku bɔne bɛhyɛn mo mu a wɔrenkyɛe nguankuw no so.


Anuanom, monnyɛ mmofra wɔ adwene mu, na mmom bɔne mu na monyɛ mmofra, na dwen mu de, munwie nyin.


Na yɛn ahohoahoa ne sɛ, yɛn ahonim di yɛn adanse, sɛ yɛnam Onyankopɔn kronkronyɛ ne ahotew mu, na ɛnyɛ ɔhonam mu nyansa mu, na mmom Onyankopɔn adom mu na yɛnam bɔɔ yɛn bra ewiase, ne titiriw no mo ntam.


Na ɛnyɛ nwonwa; efisɛ Satan ankasa po dan ne ho sɛ hann bɔfo.


Nanso misuro sɛ ebia, sɛnea ɔwɔ no de n’anitew bɛdaadaa Hawa no, saa ara nso na wɔbɛsɛe mo adwene afi Kristo fam ahofama no ho.


Na yɛda yɛn ho so, na obiara annya yɛn ho asɛm anka wɔ akyɛde kɛse a yɛsom ho yi ho;


na moayɛ nnipa a asɛm nni wɔn ho, a wɔyɛ kronn, Onyankopɔn mma a nkekae nni wɔn ho wɔ nnɛ mma abusua a wɔakɔntɔn na wɔakyea a mohyerɛn wɔn mu sɛ akanea wɔ wiase,


Ne saa nti, yɛn nso, efi da a yɛtee no, yennyaee mo ti so mpaebɔ ne nkotosrɛ, sɛ ne pɛ mu nimdeɛ nhyɛ mo ma, honhom, nyansa ne ntease nyinaa mu,


Monnantew nyansam wɔ ananafo mu, na monnsɛe mo bere kwa.


Mo ne Nyankopɔn ne adansefo, sɛnea yɛyɛɛ yɛn ho kronkron ne trenee ne nnipa a wɔn ho nni asɛm maa mo agyidifo.


Munyi mo ho mfi bɔne su nyinaa ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan