Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 10:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔfrɛɛ n’asuafo dumien no bae, na ɔmaa wɔn ahonhom fi so tumi sɛ wontu wɔn, na wɔnsa nyarewa ne ahoɔmmerɛw nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na ɔfrɛɛ n’asuafoɔ dummienu no bae, na ɔmaa wɔn ahonhom fi so tumi sɛ wɔntu wɔn, na wɔnsa nyarewa ne ahoɔmmerɛ nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Yesu frɛɛ nʼasuafo dumien no baa ne nkyɛn, na ɔmaa wɔn tumi sɛ wontu ahonhommɔne na wɔnsa nyarewa ne ahoɔmmerɛw nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na ɔfrɛɛ n’asuafoɔ dummienu no bae, na ɔmaa wɔn ahonhom fi so tumi sɛ wɔntu wɔn, na wɔnsa nyarewa ne ahoɔmmerɛ nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Yesu frɛɛ nʼasuafoɔ dumienu no baa ne nkyɛn, na ɔmaa wɔn tumi sɛ wɔntu ahonhommɔne na wɔnsa nyarewa ne ahoɔmmerɛ nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔfrɛɛ n’asuafo dumien no bae, na ɔmaa wɔn ahonhom fi so tumi sɛ wontu wɔn, na wɔnsa nyarewa ne ahoɔmmerɛw nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 10:1
26 Iomraidhean Croise  

Na Yesu see wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ mo a moabedi m’akyi yi, wiase foforo no mu no, da a Onipa Ba no bɛtena n’anuonyam ahengua so no, mo nso mobɛtena nhengua dumien so abu Israel mmusuakuw dumien no atɛn.


Na eduu anwummere no, ɔne asuafo dumien no bɛtenaa ase.


Na ogu so kasa no, hwɛ, Yuda a ɔyɛ dumien no mu biako bae, na nkurɔfokuw bebree a wokurakura nkrante ne mmaa fi asɔfo mpanyin ne ɔman no mpanyimfo nkyɛn ka ne ho.


Na Yesu kyinii Galilea nyinaa kyerɛkyerɛe wɔn hyia adan mu, na ɔkaa ahenni no ho asɛmpa no, na ɔsaa yare ne ahoɔmmerɛw biara ɔman no mu.


Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu, na yi yɛn fi bɔne mu. [Na wo na ahenni ne ahoɔden ne animuonyam yɛ wo dea daa, Amen.]


Na Yesu kyinii nkurow ne nkuraa nyinaa mu kyerɛkyerɛe wɔn hyiadan mu, na ɔkaa ahenni no ho asɛmpa, na ɔsaa nyarewa ne ahoɔmmerɛw nyinaa.


Enti monsrɛ otwa wura no, na ɔmma adwumayɛfo mmra ne twa adwuma no mu!


Hwɛ, mema mo tumi sɛ muntiatia awɔ ne nkekantwɛre ne ɔtamfo no ahoɔden nyinaa so; na biribiara rentumi nyɛ mo hwee.


Na me na mɛma mo ano ne nyansa a mo atamfo nyinaa rentumi ntua ano na wɔrennyina anim.


Na hwɛ, meresoma m’agya bɔhyɛ no maba mo so; enti montena kurow no mu nkosi sɛ wɔbɛma mo ahoɔden afi soro.


Na ade kyee no, ɔfrɛɛ n’asuafo no bae, na oyii wɔn mu dumien a ɔfrɛɛ wɔn asomafo;


sɛnea womaa no ɔhonam nyinaa so tumi, sɛ ade biara a wode ama no no, ɔmma wɔn daa nkwa.


Yohane bua kae sɛ: Onipa ntumi nnya biribi, gye sɛ wɔde fi soro ama no ansa.


Agya no dɔ Ɔba no, na ɔde nneɛma nyinaa ahyɛ ne nsa.


Yesu buaa wɔn sɛ: Ɛnyɛ me na mapaw mo dumien yi anaa? Na mo mu biako yɛ ɔbonsam!


na mmom sɛ Honhom Kronkron no nya ba mo so a, mubenya ahoɔden, na moayɛ m’adansefo Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano noho.


Na honhommɔne no buae sɛ: Minim Yesu, na minim Paulo, na mone henanom?


Na sɛnkyerɛnne kɛse bi yii ne ho adi ɔsoro: Ɔbea bi a ofura owia, na ɔsram wɔ ne nan ase, na nsoromma dumien abotiri bobɔ ne ti,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan