Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 1:6 - KYERƐW KRONKRON

6 na Yisai woo ɔhene Dawid. Na Dawid ne nea kan ɔyɛ Uria yere no woo Solomon,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 na Yisai woo Ɔhene Dawid. Na Dawid ne deɛ kane na ɔyɛ Uria yere no woo Salomo,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Yisai ba ne Ɔhene Dawid. Dawid ba ne Salomo. Dawid ne Batseba a na anka ɔyɛ Uria yere no na wɔwoo Salomo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 na Yisai woo Ɔhene Dawid. Na Dawid ne deɛ kane na ɔyɛ Uria yere no woo Salomo,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Yisai ba ne Ɔhene Dawid. Dawid ba ne Salomo. Dawid ne Batseba a na anka ɔyɛ Uria yere no na wɔwoo Salomo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 na Yisai woo ɔhene Dawid. Na Dawid ne nea kan ɔyɛ Uria yere no woo Solomon,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 1:6
25 Iomraidhean Croise  

Na Dawid soma kobisaa ɔbea no ho asɛm. Na wɔkae sɛ: So ɛnyɛ Eliam ba Batseba, Hetini Uria no yere?


Na eyinom ne Dawid nsɛm a edi akyiri. Yese ba Dawid asɛm a wanya sɛ ɔreka, ɔbarima a wɔmaa no so, nea Yakob Nyankopɔn asra no ne Israel dwom dɛdɛ tofo asɛm a ɔreka ni:


Hetini Uria. Wɔn nyinaa si aduasa asɔn.


efisɛ Dawid yɛɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so, na wamman amfi biribiara a ɔhyɛɛ no ho, ne nkwa nna nyinaa, gye Hetini Uria asɛm no nko mu.


Hetini Uria, Ahlai ba Sabad,


Na wɔn a wɔwoo wɔn maa no Yerusalem din ni: Samua ne Sobab, Natan ne Solomon,


Osem to so asia, Dawid to so asɔn;


na me mma nyinaa mu no, efisɛ AWURADE ama me mma pii, wayi me ba Solomon sɛ ɔntena AWURADE ahenni a ɔde di Israel so no agua so.


Na eyinom na wɔwoo wɔn maa no Yerusalem: Sima ne Sobab ne Natan ne Solomon, baanan yi yɛ Amiel babea Bat-sua de,


Yese ba Dawid mpaebɔ asa.


Na duforo bi befifi afi Yese dunsin no mu, na dubaa afi ne ntini mu asow aba.


Salmon ne Rahab woo Boas, Boas ne Rut woo Obed, Obed woo Yisai,


Na nea mmara no antumi anyɛ, ɛnam sɛ honam maa no yɛɛ mmerɛw nti, Onyankopɔn somaa n’ankasa ne Ba, bɔne honam suban mu, ɛne bɔne nti, na ɔde buu bɔne no fɔ ɔhonam no mu,


na Obed woo Yese, na Yese woo Dawid.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Wubegyam Saul akosi da bɛn? Na me de, mapa no sɛ onnni Israel so hene. Fa ngo hyɛ w’abɛn ma, na bra ma mensoma wo Betlehemni Yese nkyɛn, efisɛ ne mma mu na mayi ɔhene mafa.


Nso Efratini bi a wɔfrɛ no Dawid, a ofi Betlehem Yuda, wɔfrɛ n’agya se Yese, na ɔwɔ mmammarima baawɔtwe. Saul bere so no, na ɔbarima no abɔ akora adi mfe ara sann.


Na Saul ka kyerɛɛ no sɛ: Aberante, hena ba ne wo? Na Dawid buae sɛ: W’akoa Yese, Betlehemni no, ba ne me.


Sɛ mo nyinaa moapam me tiri so, na obiara nni hɔ a oyi me asotiw sɛ me ba ne Yese ba no apam, na mo mu biara nni hɔ a odi me ho yaw na oyi me asotiw sɛ me ba de m’akoa agyina hɔ ne me redi asi, sɛ ɔntɛw me sɛnea ɛte nnɛ yi?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan