Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 1:21 - KYERƐW KRONKRON

21 Na ɔbɛwo babanin, na woato ne din Yesu, efisɛ ɔno na obegye ne man afi wɔn bɔne mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

21 Na ɔbɛwo ɔbabanin, na woato ne din Yesu, ɛfiri sɛ ɔno na ɔbɛgye ne man afiri wɔn bɔne mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Ɔbɛwo ɔbarima na woato no din Yesu, ase ne Agyenkwa, efisɛ ɔno na obegye ne nkurɔfo nkwa afi wɔn bɔne mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

21 Na ɔbɛwo ɔbabanin, na woato ne din Yesu, ɛfiri sɛ ɔno na ɔbɛgye ne man afiri wɔn bɔne mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Ɔbɛwo ɔbarima na wɔato no edin Yesu, aseɛ ne Agyenkwa, ɛfiri sɛ, ɔno na ɔbɛgye ne nkurɔfoɔ nkwa afiri wɔn bɔne mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

21 Na ɔbɛwo babanin, na woato ne din Yesu, efisɛ ɔno na obegye ne man afi wɔn bɔne mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 1:21
36 Iomraidhean Croise  

Na Onyankopɔn kae sɛ: Ampa ne ampa, wo yere Sara bɛwo ba ama wo, na woato ne din Isak ase ne: Ɔserew. Na mɛma me ne no apam agyina ayɛ daa apam ama n'asefo a ebedi n'akyi no.


Na m'apam de, me ne Isak a Sara bɛwo no ama wo afedan sesɛɛ no na ɛbɛpam ama agyina.


Na wɔn mu biako kae sɛ: Ampa ara, mɛsan maba wo nkyɛn afedan sesɛɛ, na hwɛ, wo yere Sara anya ɔba. Na Sara tee wɔ ntamadan pon a ɛwɔ n'akyi no ano.


Ne bere so na wobegye Yuda nkwa, na Israel atena ase dwoodwoo, na eyi ne ne din a wɔde bɛfrɛ no: AWURADE yɛn trenee.


Nna no mu na wobegye Yuda, na Yerusalem atena ase dwoodwoo, na nea wɔde bɛfrɛ no ni: AWURADE yɛn trenee.


Wɔahyɛ mfe aduɔsɔn ahorow asɔn, wɔ wo man ne wo kurow kronkron no so, sɛ wonwie mmarato na wɔmma bɔne nwie odu, na wɔmpata amumɔyɛ na wɔmfa daa trenee mmra, na wɔnsɔ anisoadehu ne adiyisɛm ano na wɔnsra akronkronne mu ade kronkron.


Di ahurusi pii, Sion babea! Huro, Yerusalem babea. Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, ɔteɛ na ɔwɔ nkwagye; odwo, na ɔte afurum so, afurumforo a ɔyɛ afurummere ba so.


Na Yosef ne no anhyia mu de kosii da a ɔwoo ɔbabanin; na ɔtoo ne din Yesu.


Na ɔbɔfo no see no sɛ: Sakaria, nsuro, na wɔatie wo mpaebɔ, na wo yere Elisabet bɛwo ɔbabarima ama wo, na woato ne din Yohane.


Na hwɛ, wubenyinsɛn, na woawo ɔbabarima, na woato ne din Yesu.


sɛ nnɛ wɔawo agyenkwa a ɔne Kristo Awurade no, ama mo wɔ Dawid kurom.


Na odii nnawɔtwe a wɔrebetwa no twetia no, wɔtoo ne din Yesu sɛnea ɔbɔfo no kyerɛe ansa na wɔrenyinsɛn no no.


Ade kyee no, Yohane huu Yesu sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ose: Hwɛ, Onyankopɔn guammaa a oyi wiase bɔne kɔ no ni.


na wɔka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: Afei ɛnyɛ w’asɛm nti na yegye di, na yɛn ankasa ate na yɛahu sɛ oyi ne wiase agyenkwa no ampa.


Oyi asefo mu na Onyankopɔn dii ne bɔhyɛ so yii Yesu yɛɛ no Israel Agyenkwa.


Mo na Onyankopɔn nyan n’akoa no, ɔsomaa no mo nkyɛn kan, sɛ ommehyira mo, sɛ ɔbɛdan mo nyinaa afi mo bɔne ho.


Na nkwagye nni obiara mu, na nso din foforo nni ɔsoro ase a wɔde ama wɔ nnipa mu a ɛsɛ sɛ wogye yɛn nkwa wɔ mu.


ɔno na Onyankopɔn maa no so kɔɔ ne nifa sɛ Ɔsafohene ne Agyenkwa, sɛ ɔmma Israel adwensakra ne bɔne fakyɛ.


Ɔno na ɔde ne ho mae maa yɛn, na wagye yɛn afi mmarato nyinaa mu, na wadwira ɔman bi ho ayɛ n’ankasa de a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden.


Saa nti, obetumi agye wɔn a wɔnam no so ba Onyankopɔn nkyɛn no koraa, efisɛ ɔte ase daa sɛ obedi ama wɔn.


Na sɛ yɛnam hann mu sɛ ɔno wɔ hann mu no a, na yɛwowɔ ayɔnkofa wɔ yɛn ntam, na ne ba Yesu mogya tew yɛn ho fi bɔne nyinaa mu.


Na munim sɛ ɔno de, oyii ne ho adi sɛ ɔrebɛsoa bɔne, na bɔne nni ne mu.


Na meka mekyerɛɛ no sɛ: Owura, wo na wunim. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Eyinom ne wɔn a wofi ahohia kɛse no mu, na wɔahohoro wɔn ntade ama ahoa oguammaa no mogya no mu.


Na AWURADE bɔfo yii ne ho kyerɛɛ ɔbea no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, woyɛ obonin na wonwo, nanso wobenyinsɛn awo babarima.


na afe dui no, na Hana anyinsɛn awo babarima, na ɔtoo no din Samuel, na ɔkae sɛ: AWURADE hɔ na mesrɛɛ no fii.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan