Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 1:19 - KYERƐW KRONKRON

19 Na ne kunu Yosef yɛ onipa trenee, na ɔmpɛ sɛ ogu Maria anim ase guam nti, ɔbɔɔ ne tirim sɛ obegyaa no kokoam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

19 Na ne kunu Yosef yɛ onipa tenenee, na ɔmpɛ sɛ ɔgu n’anim ase dwam nti, ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛgyaa no kokoam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Ɛbaa saa no, ne kunu Yosef a odi ne ho ni no ampɛ sɛ obegu Maria anim ase nti ɔyɛɛ nʼadwene sɛ obegyaa no aware wɔ kokoa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

19 Na ne kunu Yosef yɛ onipa tenenee, na ɔmpɛ sɛ ɔgu n’anim ase dwam nti, ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛgyaa no kokoam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Ɛbaa saa no, ne kunu Yosef a ɔdi ne ho ni no ampɛ sɛ ɔbɛgu Maria anim ase enti, ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛgyaa no awadeɛ kɔkoam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

19 Na ne kunu Yosef yɛ onipa trenee, na ɔmpɛ sɛ ogu Maria anim ase guam nti, ɔbɔɔ ne tirim sɛ obegyaa no kokoam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 1:19
15 Iomraidhean Croise  

Na ɛbɛyɛ asram abiɛsa akyi no, wɔbɛka kyerɛɛ Yuda sɛ: W'ase Tamar abɔ aguaman, nanso hwɛ, wanyinsɛn aguamammɔ no mu. Na Yuda se: Monkɔfa no mmra na wɔnhyew no.


Eyi ne Noa ho asɛm: Noa yɛ onipa trenee a ɔyɛ pɛ, wɔ ne bere so nnipa mu. Noa ne Onyankopɔn na ɛnantewee.


Sɛ ɔbarima bi ne ɔbea da na ɔde ne ho ka no, na ɔbea no yɛ afenaa a wɔde no ama obi aware, na ogye na wonnya nnyee no anaasɛ wonnya mfaa ne ho nkyɛɛ no a, wɔmpɛɛpɛɛmu ntwe wɔn aso, na wonnkum wɔn, efisɛ onnya nnee ne ho ɛ.


Ɔbarima a ɔfa ɔbarima bi yere na ɔne ne yɔnko yere sɛe aware no, okum na wonkum ɔbarima ne ɔbea awaresɛefo no.


Na wɔkae sɛ: Mose maa kwan sɛ ɔnkyerɛw awaregyae nhoma mma no na onnyaa no.


Na Herode suro Yohane, efisɛ onim sɛ ɔyɛ onipa trenee ne onipa kronkron; na ɔbɔɔ ne ho ban, na ɔretie no a, ne ho yeraw no pii, nanso ɔde anigye tiee no.


Na hwɛ, ɔbarima bi wɔ Yerusalem a wɔfrɛ no Simeon; saa onipa yi teɛ, osuro Nyame, na ɔretwɛn Israel awerɛkyekye no, na Honhom Kronkron wɔ no so.


Na wobuae sɛ: Asraafo ha so panyin Kornelio, onipa trenee a osuro Onyankopɔn na ɔwɔ din pa Yudafo man nyinaa mu, ɔno na ɔbɔfo kronkron bi yi kyerɛɛ no sɛ ɔmmɛfrɛ wo mmra ne fi, na ontie w’anom nsɛm.


Na ade kyee no, na wonnim asase no. Na wohuu dɔnnɔn bi a ɛho mpoano da hɔ; ɛno mu na wosusuwii sɛ wobetumi a, wɔbɛtwe hyɛn no akɔ.


Na saa ahotoso yi mu na mebɔɔ me tirim kan no sɛ anka mɛba mo nkyɛn, na moanya adom mmɔho,


Na sɛ asɛm yi yɛ nokwasɛm na wɔanhu abofra no ɔbaabun a,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan