Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 1:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Na wotwaa wɔn asu kɔtenaa Babel no akyi no, Yekonia woo Sealtiel, Sealtiel woo Serubabel,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na wɔtwaa wɔn asu kɔtenaa Babel no akyiri no, Yekonia woo Sealtiel, na Sealtiel woo Serubabel,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Wɔn a wofi Babilon nnommum mu bae no akyi awo ntoatoaso ni: Yekonia woo Sealtiel, Sealtiel woo Serubabel.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

12 Na wɔtwaa wɔn asu kɔtenaa Babel no akyiri no, Yekonia woo Sealtiel, na Sealtiel woo Serubabel,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Wɔn a wɔfiri Babilon nnommum mu baeɛ no akyi awoɔ ntoatoasoɔ nie: Yekonia woo Sealtiel; Sealtiel woo Serubabel.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na wotwaa wɔn asu kɔtenaa Babel no akyi no, Yekonia woo Sealtiel, Sealtiel woo Serubabel,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 1:12
20 Iomraidhean Croise  

Na otuu Yerusalem nyinaa ne mmapɔmma nyinaa ne mmarima a wobetumi nyinaa kɔe, nnipa ɔpedu na wɔde wɔn kɔe, ne adwumfo ne atomfo nyinaa, wɔannyaw obi, gye asase no so nkurɔfo ahiafo nko.


Na Yuda hene tukɔ afe a ɛto so aduasa asɔn, ɔsram a ɛto so dumien da a ɛto so aduonu asɔn, ɛne afe a Babel hene Ewil-merodak dii mu hene no, ɔnam adom so yii Yuda hene Yehoiakin fi nneduadan mu,


Na Yekonia mma ne: Asir, ne ba Sealtiel,


Na Yosadak ba Yesua ne ne nuanom asɔfo no, ne Sealtiel ba Serubabel ne ne nuanom sɔree, na wokosii Israel Nyankopɔn afɔremuka sɛ wɔrebɔ so ɔhyew afɔre, sɛnea wɔakyerɛw Onyankopɔn akoa Mose mmara mu no.


Ɛnna Sealtiel ba Serubabel ne Yosadak ba Yesua sɔree, na wofii ase sii Onyankopɔn fi a ɛwɔ Yerusalem no, na Onyankopɔn adiyifo no ka wɔn ho na wosoo wɔn mu.


Na eyinom ne asɔfo ne Lewifo a wɔne Sealtiel ba Serubabel ne Yesua foro bae no: Seraia, Yeremia, Esra,


Sɛ mete ase yi, AWURADE asɛm ni, sɛ Yuda hene Konia a ɔyɛ Yehoiakim ba no yɛ me nifa so nsɔanokaa po a, anka mɛtew no mafi hɔ.


So ɔbarima Konia yi ayɛ sɛ annwene a abɔ na wommu, anaa ade bi a obiara ani nnye ho? Ɛdɛn nti na wɔtow no ne n’asefo gu asase a wonnim so yi?


Sɛ AWURADE se ni: Monkyerɛw ɔbarima yi ho sɛ ɔyɛ nea onni mma, ɔbarima a ɔrenni yiye ne nna nyinaa, na n’asefo mu biara a ɔbɛtena Dawid ahengua so na wadi Yuda so bio no renni yiye.


nneɛma a Babel hene Nebukadnesar tuu Yuda hene Yekonia a ɔyɛ Yehoiakim ba ne Yuda ne Yerusalem mmapɔmma fi Yerusalem kɔɔ Babel no wamfa ankɔ no,


Ɔhene Dario afe a ɛto so abien no ɔsram a ɛto so asia no da a edi kan no, Awurade asɛm nam odiyifo Hagai so baa Yuda amrado Serubabel a ɔyɛ Sealtiel ba ne ɔsɔfopanyin Yosua a ɔyɛ Yehosadak ba nkyɛn sɛ:


Ɛnna Sealtiel ba Serubabel ne Yehosadak ba ɔsɔfopanyin Yosua ne ɔman no nkae no nyinaa tiee Awurade wɔn Nyankopɔn ne odiyifo Hagai nsɛm, sɛnea Awurade wɔn Nyankopɔn somaa no no, na ɔman no suroe Awurade anim.


Na Awurade nyan Sealtiel ba Serubabel, Yuda amrado no, honhom, ne Yehosadak ba Yosua, ɔsɔfopanyin no honhom, ne ɔman no nkae nyinaa ahonhom, na wɔbae bɛyɛɛ adwuma, asafo Awurade, wɔn Nyankopɔn fi,


Ka kyerɛ Sealtiel ba Serubabel, Yuda amrado no, ne Yehosadak ba Yosua, ɔsɔfopanyin no, ne ɔman no nkae no sɛ:


Ɛda no, asafo Awurade asɛm ni, mɛfa wo, Sealtiel ba Serubabel, m’akoa, Awurade asɛm ni, na mede wo mayɛ sɛ nsɔanode; na wo na mafa wo mayɛ me de, asafo Awurade asɛm ni.


na Yosia woo Yekonia ne ne nuanom, bere a wotu kɔtenaa Babel no mu.


Serubabel woo Abihud, Abihud woo Eliakim, Eliakim woo Asor,


Na awo ntoatoaso a efi Abraham so de besi Dawid so nyinaa yɛ dunan, na efi Dawid so de besi sɛ wɔfaa wɔn nnommum kɔɔ Babel no yɛ awo ntoatoaso dunan, na efii sɛ wɔfaa wɔn nnommum kɔɔ Babel no de besi Kristo so no nso yɛ awo ntoatoaso dunan.


Yohanan ba, Resa ba, Serubabel ba, Sealtiel ba, Neri ba,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan