Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 9:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Na wɔresian bepɔw no, ɔbraa wɔn sɛ wɔnnka nea wohui no nnkyerɛ obiara, gye sɛ onipa ba no asɔre afi awufo mu ansa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na wɔresiane bepɔ no, ɔbaraa wɔn sɛ wɔnnka deɛ wɔhunuiɛ no nnkyerɛ obiara, gye sɛ Onipa Ba no asɔre afiri awufoɔ mu ansa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Wɔresian afi bepɔw no so no, Yesu bɔɔ wɔn ano se wɔnnka nea wɔahu no nkyerɛ obiara kosi sɛ ɔbɛsɔre afi awufo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 Na wɔresiane bepɔ no, ɔbaraa wɔn sɛ wɔnnka deɛ wɔhunuiɛ no nnkyerɛ obiara, gye sɛ Onipa Ba no asɔre afiri awufoɔ mu ansa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Wɔresiane afiri bepɔ no so no, Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ wɔnnka deɛ wɔahunu no nkyerɛ obiara kɔsi sɛ Onipa Ba no bɛsɔre afiri awufoɔ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na wɔresian bepɔw no, ɔbraa wɔn sɛ wɔnnka nea wohui no nnkyerɛ obiara, gye sɛ onipa ba no asɔre afi awufo mu ansa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 9:9
15 Iomraidhean Croise  

Ɔrenko, na ɔrenteɛteɛm, na obi rente ne nne abɔnten so;


Na sɛnea Yona dii bonsu yam nnansa awia ne anadwo no, saa ara nso na Onipa Ba no bedi asase ase nnansa awia ne anadwo.


Na efi saa bere no na Yesu Kristo fii ase kyerɛɛ n’asuafo no sɛ ɛsɛ sɛ ɔkɔ Yerusalem kohu amane pii mpanyimfo ne asɔfo mpanyimfo ne Kyerɛwfo no nsam, na wɔakum no, na da ɛto so abiɛsa no wanyan.


sɛ: Owura, yɛakae sɛ ɔdaadaafo no te ase no, ɔkae sɛ: Nnansa akyi, menyan.


Na Yesu see no sɛ: Hwɛ, nka nkyerɛ obiara, na kɔ, fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo, na kɔma ayɛyɛde a Mose hyɛe no, na ɛnyɛ wɔn adanse.


Na ɔhyɛɛ wɔn dennennen sɛ wɔmmma obiara nnte; na ɔkae sɛ wɔmma no biribi nni.


Na ɔbraa wɔn sɛ wɔnnka nkyerɛ obiara; nanso mpɛn dodow a ɔkɔ so bra wɔn no, na wɔkɔ so pae mu ka.


Na wɔmaa asɛm no kaa wɔn tirim, na wobisabisaa wɔn ho sɛ awufo mu sɔre no ne dɛn?


Na amonom hɔ ara, wototoo wɔn ani no, wɔanhu obiara sɛ Yesu nko ara ne wɔn.


Na osee wɔn sɛ: Wɔakyerɛw sɛ, Kristo no behu amane, na da a ɛto so abiɛsa no, wasɔre afi awufo mu,


Na ɛnne no twaam no, wohuu Yesu nko ara. Na womuamuaa so, na nna no mu no, wɔanka nneɛma a wohui no ankyerɛ obiara.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan