Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 9:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na ɛno akyi nnansia no Yesu faa Petro ne Yakob ne Yohane, na ɔde wɔn kɔɔ bepɔw tenten bi so fa baabi. Na ɔsakrae wɔn anim,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na ɛno akyiri nnansia no, Yesu faa Petro ne Yakobo ne Yohane, na ɔde wɔn kɔɔ bepɔ tentene bi so fa baabi. Na ɔsakyerae wɔ wɔn anim,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Nnansia akyi na Yesu faa Petro, Yakobo ne Yohane de wɔn kɔɔ bepɔw tenten bi atifi. Saa bere no na obiara nka wɔn ho. Ɛhɔ ara na Yesu anuonyam hyerɛn wɔ wɔn anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɛno akyiri nnansia no, Yesu faa Petro ne Yakobo ne Yohane, na ɔde wɔn kɔɔ bepɔ tentene bi so fa baabi. Na ɔsakyerae wɔ wɔn anim,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Nnansia akyi, Yesu faa Petro, Yakobo ne Yohane de wɔn kɔɔ bepɔ tentene bi atifi. Saa ɛberɛ no, na obiara nni hɔ ka wɔn ho. Amonom hɔ ara, Yesu sakyerae animuonyam mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na ɛno akyi nnansia no Yesu faa Petro ne Yakob ne Yohane, na ɔde wɔn kɔɔ bepɔw tenten bi so fa baabi. Na ɔsakrae wɔn anim,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 9:2
23 Iomraidhean Croise  

Na ɔhyehyɛɛ nnyina no, na otwitwaa nantwinini no asinasin de guu nnyina no so kae sɛ: Momfa nsu nhyehyɛ nhina anan amaama, na mummehwie ngu ɔhyew afɔre ne nnyina no so!


Na Ahab foro kɔe sɛ okodidi na wanom. Na Elia de, ɔforo kɔɔ Karmel atifi na ɔkotow fam, na ɔde n’anim hyɛɛ ne nkotodwe ntam.


Na Mose sɔree, ɔne n'abofra Yosua, na Mose foro kɔɔ Onyankopɔn bepɔw no so.


W’aniwa behu ɔhene n’ahoɔfɛ mu, ebehu asase a ɛtrɛw haharaa.


Na ofifii sɛ duforo n’anim, sɛ asase kesee mu ntini; onni su anaa anuonyam, a ɛma yɛhwɛ no, na hwee nni ne ho a ɛbɛma yɛn ani agye ne ho.


Na Yesu tee no, ɔtenaa ɔkorow mu fii hɔ kɔɔ sare so, nkyɛn baabi. Na nkurɔfo akuwakuw no tee no, wofii nkurow so nam fam tiw no.


Na ɔfaa Petro ne Yakob ne Yohane kaa ne ho, na ne ho fii ase hiahiaa no, na ne ho yeraw no.


Eyinom akyi no, oyii ne ho adi suban foforo so kyerɛɛ wɔn mu baanu a wɔnam rekɔ akuraa hɔ no.


Na wamma obiara anni n’akyi sɛ Petro ne Yakobo, ne Yakob ne nua Yohane.


Na ɛbae sɛ nna no mu ofii adi kɔɔ bepɔw so mpaebɔ, na ɔbɔɔ Onyankopɔn mpae anadwo mu no nyinaa.


Na Asɛm no bɛyɛɛ ɔhonam, na ɔbɛtenaa yɛn mu, na yehuu n’anuonyam sɛ Agya no Ba a ɔwoo no koro anuonyam, na adom ne nokware ayɛ no ma.


Na monnyɛ mo ho sɛ wiase yi, na mmom momfa adwenem foforoyɛ nsakra mo ho, na moasɔ nea Onyankopɔn pɛ a eye, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.


Mpɛnsa ni a mereba mo nkyɛn. Adansefo baanu anaa baasa anom na asɛm biara begyina.


a ɔbɛsakra yɛn ahobrɛase nipadua sɛnea n'ahoɔden adwuma a ɔde betumi abrɛ nneɛma nyinaa ase ahyɛ n'ase no te.


Na mihuu ahengua fitaa kokuroo ne nea ɔte so a asase ne ɔsoro guan n’anim; na wɔannya baabi amma wɔn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan