Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 9:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na osee wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, wɔn a wogyina ha yi mu binom wɔ hɔ a wɔrenka owu nhwɛ de bɛkɔ akosi sɛ wobehu sɛ Nyankopɔn ahenni no de tumi aba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na ɔsee wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ wɔn a wɔgyina ha yi binom wɔ hɔ a wɔrenka owuo nhwɛ, de bɛkɔ akɔsi sɛ wɔbɛhunu Nyankopɔn ahennie no sɛ ɛde tumi aba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Yesu kɔɔ so ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Mo a mugyina ha yi mu bi bɛtena ase akosi sɛ mubehu sɛ, Onyankopɔn ahenni no reba tumi mu!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na ɔsee wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ wɔn a wɔgyina ha yi binom wɔ hɔ a wɔrenka owuo nhwɛ, de bɛkɔ akɔsi sɛ wɔbɛhunu Nyankopɔn ahennie no sɛ ɛde tumi aba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Yesu kɔɔ so ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Mo a mogyina ha yi mu bi bɛtena ase akɔsi sɛ mobɛhunu sɛ, Onyankopɔn Ahennie no reba tumi mu!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na osee wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, wɔn a wogyina ha yi mu binom wɔ hɔ a wɔrenka owu nhwɛ de bɛkɔ akosi sɛ wobehu sɛ Nyankopɔn ahenni no de tumi aba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 9:1
13 Iomraidhean Croise  

Nokware mise mo sɛ: Nnipa bi gyina ha a wɔrenka owu nhwɛ kosi sɛ wobehu Onipa Ba no sɛ ɔreba n’ahenni mu.


Ɛno na Onipa Ba no sɛnkyerɛnne bɛda adi ɔsoro, na asase so mmusuakuw nyinaa ho behiahia wɔn kɛse, na wobehu Onipa Ba no sɛ ɔreba ɔsoro mununkum so tumi ne anuonyam kɛse mu.


Na Onipa Ba no bɛba n’anuonyam mu a n’abɔfo nyinaa ka ne ho no, ɔbɛtena n’anuonyam ahengua so.


Na ɛno na wobehu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi kɛse ne anuonyam reba omununkum mu.


Nokware mise mo sɛ: Awo ntoatoaso yi rentwam, gye sɛ eyinom nyinaa aba ansa.


Na Honhom Kronkron no ayi akyerɛ no sɛ ɔrenhu owu, gye sɛ wahu Kristo a ɔyɛ Awurade no ansa.


Na mise mo sɛ, merennom bobe aba no bi bio, gye da a Onyankopɔn ahenni no bɛba.


na moadidi na moanom me pon so wɔ m’ahenni mu, na moatena nhengua so abu Israel mmusuakuw dumien no atɛn.


Na nokware mise mo sɛ: Wɔn a wogyina ha yi mu binom wɔ hɔ a wɔrenka owu nhwɛ kosi sɛ wobehu Onyankopɔn ahenni ansa.


Ɛnna asɛm yi trɛwee anuanom no mu sɛ saa osuani no renwu; nanso Yesu anka ankyerɛ no sɛ ɔrenwu, na ose: Mepɛ sɛ ɔtena hɔ kosi sɛ mɛba a, ɛfa wo ho bɛn?


Na mmom, yehu Yesu, nea bere tiawa bi mu, wɔbrɛɛ no ase sen abɔfo no, sɛnea ɔbɛfa Onyankopɔn adom so bɛka owu ahwɛ ama nnipa nyinaa. Seisei esiane owu amanehunu nti, wɔde anuonyam ne nidi abɔ no abotiri.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan